Kalybos

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kalybos yɛ siniyɛdin ma Richard Kweku Asante, a ɔyɛ sinitwani na afei ɔyɛ no ankasa adwuma. Sini a ɔde hyɛɛ ne siniyɛ ase afe 2012 mu no ne nsɛmkwaa sini asiniasini a yɛfrɛ no Boys Kasa.

Richard Asante a wɔtaa frɛ no Kalybos no yɛ Ghanani siniyɛni ne nsɛmkwaayini a ɔnam nsɛmkwaasini asiniasini Boys Kasa so ma yɛhunuu no. Afe 2017 mu no ɔne ne yɔnko siniyɛninimpɔn wɔ Boys Kasa sini yi mu, Patricia Opoku Agyeman nyaa Black British Entertainment abasobɔdeɛ wɔ London. Wayɛ siniyɛnimpɔn wɔ Ghana agyeatomu sini bebree mu, a ebi ne Kalybos in China ne Amakye and Dede

Ne Mmɔfraase ne N'adesua[sesa]

Kalybos yɛ Owura Peter Owusu Mensah ne Madam Felicia Owusu ba a wɔwoo no Oforisuo da 27, 1988. Ɔhyɛɛ n’adesua ase wɔ De-youngsters International ne St. Anthony’s Preparatory sukuu a ɛwɔ Accra, na ɔtoaa so kɔsuaa Building Technology wɔ Suhum Secondary Technical School. Ɔwieeɛ no ɔkɔtoaa so wɔ National Film and Television Institute (NAFTI). Kalybos wie nyaa ne sukuupɔn adansekrataa wɔ Cinematography mu sane nyaa abasobɔdeɛ sɛ NAFTI adesuani a ɔdi mu.  

Sinisɛm[sesa]

Wayɛ siniyɛnimpɔn wɔ sini bebree mu a ebi ne:

  • Boys Kasa (2014)
  • Kalybos In China (2016)
  • Asylum Down (2016)
  • Adventures of Kalybos (2018)
  • Sugar
  • John and John
  • Love Language
  • Maame Hwe
  • 3 Broke Guys
  • Kobolor
  • Chocolate City (2018)
  • A New Flame
  • The New Adabraka
  • Okomfo Anokye Poma
  • Kobolor
  • Ghaniaja
  • The 2 Pilots
  • Ghetto Heros
  • Kaya
  • Away Bus (2016)
  • Think Smart
  • Mad

Conan Without Boarders: Ghana ne Conan O'Brien wɔ 2019 mu no nso na ɔka ho.

Abasobɔ[sesa]

Year Award Category Film Result
2014 Ghana Movie Awards Discovery of the Year Boys Kasa Won
2017 Black British Entertainment Awards Won
2015 Ghana Movie Awards Favorite Actor Nominee
2014 Ghana Tertiary Awards Best Actor and Student of the year Nominee
2015 Africa Youth Choice Awards Best New Act Nominee
2016 Golden Movie Awards Golden Actor In Comedy Won
2016 Exclusive Men's Award Nominee
2016 NAFTI Film Festival Awards Best Cinematography Won
2017 Black British Entertainment Awards Best International Award Won
2017 Ghana Nigeria Achievers Awards Best in Comedy Won
2017 Ghana Entertainment Awards USA Lead Actor in Film Nominee
2017 Golden Movie Awards Supporting Actor in Comedy Nominee

Nkekaho[sesa]

External links[sesa]

  • Kalybos on IMDb