Kɔkɔɔ a yɛatoto

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kɔkɔɔ a yɛatoto anaa "Kofi brokeman" yɛ Ghana aduane a agye din paa.[1][2] Ɛyɛ aduane a wɔtɔn wɔ kwan ho na ne bo nhyɛda nyɛ den. Asiane sɛ ne bo nyɛ den nti na wɔfrɛ no "Kofi brokeman" a asekyerɛ ne sɛ Kofi a ne ho akyere no. Enti mfa ho sɛ obi nni sika pii no, obetumi atɔ bi.[1][2]

Sɛnea wɔyɛ no[sesa]

Wobɛ hia kɔkɔɔ ne agya. Wobɛ yi wo kɔkɔɔ no ho. Afie wo gya no, wode dade a ntokurontokuro wo mu bɛto wo gya no so na wode wo kɔkɔɔ no agu so.[1] Dane dane kɔkɔɔ no bere a ɛgu agya no so kosi sɛ wo kɔkɔɔ no bɛ ben.

Wobetumi de nkate adi kɔkɔɔ a watoto no. Wobetumi nso de dua ne ngwo adi.[1][2]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://ryghters.wordpress.com/2013/05/29/kofi-broke-man-a-real-fast-food-at-madina-station/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://www.graphic.com.gh/news/general-news/kofi-broke-man-kelewele-konkonte-no-longer-for-the-poor.html