Joyce Bamford-Addo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Joyce Adeline Bamford-Addo, JSC (wɔ woo no Marach da ɛtɔ so 26, afe 1937) yɛ kane Ghana mmarahyɛ baguakuo no kasamafo firi afe 2009 kosi 2013. Mmrahyɛ bugua kasamafo adwuma no yɛ adwuma a ɛtɔ so miensa a edi mu wɔ Ghana.  Odikan soom sɛ Otemmufo wɔ Ghana Asɛndibea kunini. ɔno ne ɔbaa a odi kan wɔ Afrika Atɔe aman mu a woyii no sɛ Mmarahyɛ baguakuo kasamafo. Na ɔyɛ obi a ɔko maa mma nkoanim maa ne nwumaa daa adi wɔ mmeae pii.

Ne mmɔfrase ne sukuu ho nsɛm[sesa]

Ne Papa a ofiri abrokyire ne ne maame a ɔyɛ Ghanani  a ofiri Aburi no woo no wɔ afe 1937 mu. Joyce Bamford-Addo ne ne nua Cynthia  kɔɔ sukku wɔ St. Mary’s Boarding school ne OLA Boarding school a ɛwɔ cape coast. Saa sukuu yi nyinaa yɛ sukuu a wɔda hɔ na ɛhɔ ɔhyɛɛ mitiase sukuu. ɔtoa so kɔɔ ntoaso sukku a ne din de Holy Child School a ɛno nso wɔ Cape Coast. ɔtoa so kɔɔ United Kingdom, ɛhɔ na onyaa mmrasɛm ho ntete. ɔde ne ho kɔdɔɔm Inner Temple ma no bɛyɛɛ osuafo wɔ nhyehyɛɛ  bi a wɔfrɛ no Inns of Court . Wɔfrɛɛ no kaa Abrofo mmaranimfokuo a wɔfrɛ no English Bar no wɔ afe 1961.

Mmaranim Nnwuma[sesa]

Bamford-Addo san n’akyi baa Ghana bre a ɔyɛɛ adwuma afe baako wɔ UK no. Wɔfrɛɛ no kaa Ghana mmaranimfokuo no mu wɔ afe 1962. ɔyɛɛ adwuma sɛ lɔyani maa Ghana man firi 1963 maa no nya nkoanim kosi sɛ ɔbɛyɛɛ lɔyani panyin maa oman Ghana wo afe 1973. Woyii no sɛ Okwankyerɛfo ma badwam kwaadubofo wɔ 1976, dibea a odii no mfie 10. Jerry John Rawlings nso paw no sɛ asɛndibea kunini temufoo wɔ afe 1991. ɔkɔɔ ahomegyeɛ mu wɔ asendibea kunini no mu wɔ October, afe 2004 mu bre a wɔpaa ne ho koyii George Kingsley Acquah, a ne dibea sua koraa se Otemufo kandifoo

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 1991 mu no, Bamford-Addo beyɛɛ ɔkasamafo abediakyire a ɔtɔ so mienu maa kuo bi a wɔfrɛ no Ghana’s Consultative Assembly a wɔn botae ne sɛ wɔ hwɛ ma wɔ kyerɛw  Ghanaman mmara, saa mmara no na ɛbɛyɛɛ Ghana manmmara 1992. Wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2008 mu no akyi no, wɔpaw no a ɔne obiara ampere ho sɛ Ghana Mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nnan no Kasamafo.