Josephine Kuuire

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Josephine Ngminvielu Kuuire yɛ Ghanani mfoninitwafo, digyital adwumfo, mfoniniyɛfo ne ɔdeduani.

Asetra mu nsɛm[sesa]

Ghana na Josephine Ngminvielu Kuuire wɔ bachelor’s degree wɔ asetena mu adwuma ne nnwom mu wɔ Ghana Suapɔn mu. Ofii ase hwehwɛɛ mfoninitwa mu sɛ mfoniniyɛfo wɔ Leonia Ntoaso Sukuu a ɛwɔ New Jersey, faako a ɔyɛɛ mfoninitwa ho adesua titiriw ne nea ɛkɔ akyiri no. Bere a ɔsan baa Ghana wɔ afe 2009 mu no, ɔsii gyinae sɛ ɔbɛtoa ne mfoninitwa adwuma so, na ɔyɛɛ adwuma sɛ mfoninitwafo a ɔyɛ adwuma wɔ ne sukuupɔn adesua mu.

Adwinni adwuma[sesa]

Kuuire yɛ Mumble Photography adwuma no kwankyerɛfo panyin. Wɔ afe 2016 mu no, mfoninitwafoɔ no de ne ɔyɛkyerɛ a ɛdi kan a wɔato din Second Chance, maeɛ wɔ Accra[dot]Alt. Ɛde ne ho to dijitaal nsakrae ne mfoniniyɛ so de ma ankasa ho mfonini afoforo.[1] Digitals mfoniniyɛfo no de abusuabɔ a emu yɛ den di dwuma sɛ adwinnade a wɔde ko tia ne ayaresa kwan a ɛma asetra mu nhyɛso yɛ nea ɛfata.

Mfoniniyɛfo no nya ne da biara da osuahu ne nsɛnnennen ahorow a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbea soronko a ɔwɔ mu no kanyan no. Ɔde mfoninitwa di dwuma de hwehwɛ ahofadi, a ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛkanyan afoforo ma wɔahwehwɛ wɔn de, nanso obegye asetra mu nhyehyɛe ahorow a wɔde asi hɔ wɔ Ghanafo asetra mu no nso ho kyim.

N’adwuma no mu nsɛmti bi ne adansi, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔasisi, nhyehyɛe, ne dwuma a mmea di wɔ abakɔsɛm ne nnɛyi amammui nhyehyɛe ahorow mu.

Wɔ afe 2016 mu no, Kuuire yɛɛ ne ho ɔyɛkyerɛ a ɛdi kan, Second Chance, wɔ Accra[dot]Alt, wɔ Accra, Ghana, ɔyɛɛ ne ho mfonini. Mfeɛ nnan akyi no, ɔne mmaa adwumfoɔ foforɔ de wɔn ho hyɛɛ Arts for All nhyehyɛeɛ: Phase II, a Creative Arts Council of Ghana na ɛhyɛɛ aseɛ no mu. Saa nhyehyɛe yi botae ne sɛ wɔbɛsan de kɔnkrit afasu a ɛwɔ Accra mmɔnten so no asiesie afasu akɛse. Ɔne adwuma no yɛɛ adwuma, ɔsan nso de ne ho hyɛɛ mfonini a wɔde yɛɛ mfonini a ɛwɔ afasu a atwa Tetteh Qurashie interchange ho ahyia no mu.

Wɔ adwumfo no fam no, saa ɔfasu ho mfonini soronko yi de nidi ma mmea a wɔaboa Ghana abakɔsɛm no bi, te sɛ Susan Ofori-Atta, ɔman no mu ɔbea oduruyɛfo a odi kan, Esther Afua Ocloo, Mabel Dove Danquah, Theodosia Okoh, nea odi kan ɔbea mmaranimfo Annie Jiagge, Laura Adorkor Coffie, Efua Sutherland, Yaa Asantewaa, Melody Millicent Danquah ne Rebecca Naa Dedei Aryeetey .

Abasobɔde ahorow[sesa]

Wɔ afe 2017 mu no, Kuuire na ɔdii nkonim wɔ Portraits Ghana Photography Prize a Dutch Embassy a ɛwɔ Ghana ne Nuku Studio na wɔyɛeɛ no mu. Wɔ afe 2018 mu no, wɔpaw n’adwuma no kaa nnipa du a wɔdii kan awieɛ wɔ Ghana no mu maa Kuenyehia Art Prize for Contemporary Ghanaian Arts.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Adam, Hakeem (7 January 2017). "These 6 Ghanaian Artists Are Continuing to Push the Boundaries of Photography". OkayAfrica. Retrieved 19 August 2021.