Joseph Tsatsu Agbenu

Ɛfi Wikipedia
Joseph Tsatsu Agbenu
MP for Afram Plain North
Bere
January 7, 2005 – January 6, 2009
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Ne ho asɛm
Awo bere20/11/1936
Afram Plain North, Eastern Region Gold Coast (now Ghana)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
N'adwumaLawyer

Joseph Tsatsu Agbenu

Afram Plains mmrahyɛ badwani

Asuaeɛ so

Ɔpɛpɔn 7, 2005-Ɔpɛpɔn 6,2009

Ɔman panii John Agyekum Kuffour

Abakwasɛm

Ɔbubuo 20,1936(mfei 83)

Awoɔ Afraid plains Atifi, Apueɛ mantanmu,sika kɔkɔɔ mpoano sɛsɛei Ghana.[1][2]

Ɔmanyɛni Ghanani

Amanyɔkuo National Democratic Congress(NDC)

Adwuma Amanyɔni

Dwumadie mmranimdefɛoɔ.

Joseph Tsatsu Agbenu

Yɛ woo no Obubuo bosome no da a ɛtoso aduonu wɔ mfei apem ahankron ne aduasa nsia (20, November 1936) no mu a ɔyɛ Ghanani amanyɔni (Ghanaian politician) ne mmera hyɛ badwani wɔ adehyeman Ghana mmera hyɛ badwa a ɛtoso nnan (fourth republic) a ɔgyina hɔ de ma wɔn a wɔn wɔ( Afram plains) Atifi fam (North) abatoɔ mpesuaso(constituency ) wɔ Apueɛ mantan mu a ɛwɔ Ghana.

Abrabɔ Ahyaseɛ Ne Sukuu[sesa]

Yɛ woo Agbenu wɔ Obubuo bosome no ne da a ɛtoso aduonu no wɔ mfei apem ahankron ne aduasa nsia(20th November 1936) mu wɔ Apueɛ mantan mu, wɔ kuro a yɛ frɛ no Afram Plains mu.

(Politics) AMANYƆSƐM[sesa]

Abatoɔ a ɛdii nkae de Agbenu kɔ pue mu wɔ mmera hyɛ badwam no yɛ mmerɛ a ɔgyina wɔ National Democratic Congress(NDC) din wɔ mfei mpem mmienu Ɔpɛpɔn bosome no mu.(December 2000) Ghanafoɔ abatoɔ keseɛ a wɔn to wɔ Ɔman no nyinaa mu no sɛ mmera hyɛ badwani ma Afram Plains Atifi fa mu abatoɔ mpesuaso.[3][4] (Afram Plains North Constituency ). Amanfoɔ a wɔn too aba no yii no gyaa Joseph Buer Plahar a na ɔfiri New Patriotic Party (NPP) amanyɔ kuo no mu,Albert Quarcoo-Zah a ɔfiri Convention People's Party (CPP) no mu, Amidu Tanko a ɔfiri People's National Convention (PNC) amanyɔkuo no mu, ɛne Emmanuel Yaw a na ɔfiri National Reform Party (NRP)amanyɔkuo no mu. Wɔ abatoɔ no mu no ɔnyaa aba no mpem dunson ne aduoson mmiensa (17'073) a ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe ne akyire pɔ aduasa( 80.30%). Wɔn a ɔne wɔn sii akae anaa wɔn gyina wɔ abatoɔ no mu pree abatoɔ no nso nyaa mpem mmienu aha mmienu ne aduanan (2,240),apem ɔha ne aduasa nnan(1,134), aha nnan ne aduoson nun (475),ne aha mmiensa ne aduanan nkron (349) pɛpɛɛpɛ.Neɛ wɔn nyaa wɔ abatoɔ no mu no gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu du ne akyire pɔ aduonum(10.50%),ɔha nkyekyɛ mu nnum ne akyire pɔ aduasa(5.30%),ɔha nkyekyɛ mu mmienu ne akyire pɔ aduonu(2.20%) ɛne ɔha nkyekyɛ mu baako ne akyire pɔ aduosia(1.60%) wɔ abatoɔ a wɔn tooeɛno nyinaa mu.[5][6] Wɔn sanso too aba yii no biom wɔ mfei mpem mmienu ne nnum abatoɔ no mu wɔ mmerɛ a na w'adi nkae ayi no sɛ nkunimdefoɔ wɔ mfei mpem mmienu ne nnan abatoɔ a wɔn tooeɛ wɔ Gaana afanaa nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General Elections ) Ɔnyaa anaa ɔtwee aba a wɔn tooeɛ no mu aba mpem dunwɔtwe ahankron ne num (18,905) frii mpem aduonu nan ahannum ne aduonum nsia (24,556) wɔ aba a ɔyɛ wɔ aba a wɔn tooeɛ no nyinaa mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduoson nson (77.00%).[7][8] ɔsomeɛ mprɛ baako pɛ so sɛ mmera hyɛ badwani.

(Career) Adwuma[sesa]

Agbenu yɛ lɔyani anaa mmeranimfoɔ (lawyer) ɛne akane mmera hyɛ badwani de ma Afram Plains Atifi fa mu (North) abatoɔ mpɛsuaso fri mfei mpem mmienu ne num de kɔsi mfei mpem mmienu ne nkron (2005 to 2009)wɔ Apueɛ mantan mu a ɛwɔ Ghana.[9]

N'abrabɔ[sesa]

Agbenu Yɛ Okristoni.[10]

(References) NTOTOHO.[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register (2004-2008)
  2. Inc IBP( Steptember 3,2018) https://books.google.com/books?id=OZ2tDwAAQBAJ&q=Joseph+Tsatsu+Agbenu&pg=PA47
  3. https://104.196.130.246/lifestyle/health-minister-absent-from-parliament-to-answer-questions/ MyJoyOnline.com. February 2, 2008. Retrieved August 4, 2020.
  4. https://www.modernghana.com/news/57401/ndc-elects-11-parliamentary-candidates-in-eastern-region.html .June 21, 2004.
  5. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/eastern/. Peace FM Online. Retrieved September 4, 2020.
  6. https://web.archive.org/web/20201018205332/https://ec.gov.gh/wp-content/uploads/2019/08/2000-Parliamentary-Details.pdf (PDF)December 7, 2000.
  7. www.ghanaweb.com. Retrieved August 4, 2020.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2004/parliament.constituency.php?ID=137
  8. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results – Afram Plains North Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved August 4, 2020.
  9. [1] Ghana Parliamentary Register(2004–2008
  10. Ghana Parliamentary Register(2004–2008)