Joseph Nii Laryea Afotey Agbo

Ɛfi Wikipedia

Efi Wikipedia, encyclopedia a wontua hwee

Hon.
Joseph Nii Laryea Afotey-Agbo
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ne ho asɛm
Awo bereGhana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNDC

Joseph Nii Laryea Afotey-Agbo (wɔwoo no Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 31 wɔ afe 1967) yɛ Ghana amanyɔfoɔ na na ɔyɛ Greater Accra Mantam Ɔmanpanin wɔ Ghana. [1][2] Ansa na yei reba no, na ɔyɛ Volta Mantam Ɔmanpanin.[3] Ansa na eyi reba no, na ɔyɛ Volta Ɔmantam Soafo. Ɔyɛ

Ɔyɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Kpone-Katamanso Mantam a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[4]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Kristoni (Presbyterian). Ɔwaree (ɔwɔ mma baason)[4] [5].

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Afotey-Agbo wɔ Ɔpɛpɔn osome ne da a ɛtɔ so 31, afe 1967. [4]Ɔfiri Katamanso-Nungua, kuro bi a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana. Owiee Ghana Institute of Journalism na onyaa ne diploma abodin krataa wɔ ɔmanfo ntam abusuabɔ mu.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Afotey-Agbo yɛ National Democratic Congress ( (NDC) no muni. Ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni a ɔgyina Kpone-Katamanso Mansin ananmu ɛtɔ so 4, 5, 8, ne mprempren ne 7 Parliament wɔ 4th Republic of Ghana. Ɔsom sɛ boayikuw muni wɔ boayikuw ahorow a ɛhwɛ Atwa Yɛn Ho Ahyia, Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuw, Mmabun, Agumadi ne Amammerɛ Boayikuw, ne Hokwan Boayikuw so.[7] Ɔyɛɛ Aman soafoɔ wɔ afe 2009 ne 2012. Ɔsan nso yɛɛ Ɔmantam Ɔsoafoɔ wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ afe 2012 ne 2014 ntam.[8]

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ JNL Afotey-Agbo Ventures kwankyerɛfo panyin (MD).[9] Ɔayɛ Mmarahyɛ Bagua no muni firi Ɔpɛpɔn 2005 kɔsi nnɛ.[5]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. www.modernghana.com. Retrieved 23 November 2013.
  2. List of Regional Ministers in Ghana with Their Deputies. (in English), 2013-06-18, retrieved 2023-10-03
  3. Reshuffling Regional Ministers all too soon is impolitic (in English), 2013-03-11, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 4.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  5. 5.0 5.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  6. Joseph Nii Laryea Afotey-Agbo (in English), retrieved 2023-10-03
  7. "PARLIAMENT IN REPUBLICAN GHANA", Parliamentary Affairs, 1963-05, doi:10.1093/oxfordjournals.pa.a054022, ISSN 1460-2482, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  8. HON. JOSEPH NII LARYEA AFOTEY-AGBO - UK-Ghana Chamber of Commerce, 2020-07-10, archived from the original on 2020-07-10, retrieved 2023-10-03
  9. Joseph Nii Laryea Afotey-Agbo, Biography, retrieved 2023-10-03