Joseph Essilfie Hagan

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Joseph Essilfie HaganGhanani Amanyɔni. ɔsoom sɛ Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam ne Mfinfin Mantam. Ɔsan nso soom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Abura Asebu abatoɔ mpɛsoa so.

Ne mmɔfrase ne Nhomsua[sesa]

Wɔ woo no wɔ afe 1912. Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Nyakrom Methodist School na ɔtoaa so kɔɔ St. Nicholas Grammar School (sesei eye Adisadel College) a ɛwɔ Cape Coast.

Nnwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Bre owiee ntoaso sukuu no, hagan nyaa adwuma sɛ sotɔɔ so hwɛfo wɔ adwumakuo a ne din de Union Trading Company (U T C) firi afe 1937 kosii afe 1950.  Hagan de ne ho kɔdɔɔm Town Council a ɛwɔ Cape Coast na ɔbɛyɛɛ Conventions People Party amanyɔkuo no mu ni wɔ afe 1949. Wɔ afe 1951 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani, na ɔyɛ aban adwuma so hwɛfo abediakyire. Wɔ too aba yi no biom wɔ afe 1954 ne 1956. Wɔ saa afe no ara mu (1956) , wɔpaw no sɛ Soafo abediakyire ma asoe a ɔhwɛ nkurase ne nkuro nketewa amamuo so. Wɔ afe 1957 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam no so, ma no soom wɔ saa dibea no kosii afe 1960 bre a wɔpaw no sɛ mfinfin Mantam Soafo. Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Apue Mantam na okuraa saa dibea yi kosii sɛ wotuu Nkruma Aban gui.

Nkekaho[sesa]