Joseph Cudjoe

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Joseph Cudjoe
MP
Member of the Ghana Parliament
for Effia constituency
OdikanfoConstituency split
Ne ho asɛm
Awo bere2 October 1964 (1964-10-02) (age 59)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaPolitician
N'adwumaFinancial analyst

Joseph Cudjoe yɛ Ghana amannyɔni ne Mmarahyɛ Badwani a ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu a ɔgyina hɔ ma Effia Mansini a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Ɔbra ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Cudjoe wɔ Ahinimi bosome no da a ɛtɔ so mmienu (2) wɔ afe 1964 mu. Ɔfiri Effia kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Ɔnyaa ne Bachelor of Science abɔdin krataa wɔ akontabuo mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so, Kumasi ne ne MBA wɔ Sikasɛm mu wɔ Ghana Suapɔn mu.[1][2]

Adwumayɛ[sesa]

Joseph Cudjoe hyɛɛ n’adwuma ase sɛ Ɔkyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ Nkontaabuo wɔ Archbishop Porter Girls Secondary School firi ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 1995 kɔsi Ahinimi bosome no mu wɔ afe 1995. Cudjoe yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Takoradi Technical University firi afe 1995 kɔsii 2000. Akyiri yi ɔde ne ho kɔbɔɔ Eno International, LLC baabi a ɔyɛɛ adwuma sɛ Sikasɛm mu Nhwehwɛmu ne Nhyehyɛeɛ sohwɛfoɔ firi afe 2000 kɔsi afe 2001. Ɔbɛyɛɛ Ɔfotufoɔ Panyin wɔ SEM International Associates wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe 2002 kɔsi Ahinime bosome no mu wɔ afe 2003 na afei akyiri yi ɔbɛyɛɛ adwuma sohwɛfoɔ panin wɔ SEM International LTD firi Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2003 kɔsi Oforisuo bosome no mu wɔ afe 2004.Efi Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe 2004 kɔsi Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2012, Cudjoe na ɔyɛ Sikakorabea sohwɛfo wɔ Ghana Koko badwakuo no mu.[1][2]

Amannyɔsɛm[sesa]

Cudjoe kɔɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so nson (7) mu wɔ afe 2013 a ɔgyinaa Effia mansini no ananmu wɔ New Patriotic Party tekiti so. Wɔpaw no bio sɛ ɔmmɛgyina mansini no ananmu wɔ afe 2016 mu[1][2]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Cudjoe aware na ɔwɔ mma mmiensa. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni.[1][2]

Baabi a menyaa mmoaa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01