Joseph Bipoba Naabu

Ɛfi Wikipedia

Joseph Bipoba Naabu (wɔwoo no Ɔbɛnem 24, 1964) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛ Bagua a Ɛtɔ so Nson a ɛwɔ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyina Yunyoo Mantam a ɛwɔ Atifi Mantam no ananmu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1]

Joseph Bipoba Naabu
Member of the Ghana Parliament
for Yunyoo Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoConstituency split
Ne ho asɛm
Awo bereAugust 24, 1964 (1964-08-24) (age 59)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔ


Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Naabu wɔ 24 Ɔbɛnem 1964 wɔ Namong, Ghana Atifi Fam mantam mu.


Naabu nyaa bachelor of art degree wɔ amammuisɛm mu wɔ University of Ghana wɔ afe 2006. Afei ɔkɔɔ Ghana School of Law kɔsuaa Bachelor of Law na akyiri yi ɔkɔɔ London university kɔsuaa Literally Legum Baccalaureus, 2009. [2]

Adwumayɛ[sesa]

Naabu yɛ okuafoɔ. Na ɔyɛ J.B. Naabu Farms and Company Limited kwankyerɛfo panyin ansa na ɔrehyɛn amammuisɛm mu.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Naabu sɛ ɔmmɛgyina Yunyoo amansin ananmu wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so. Wɔsan paw no wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ ɔnkɔdi dibea wɔ saa dibea no mu afe a ɛtɔ so mmienu.[2][3]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Naabi aware a ɔwɔ mma baanan. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Katolek Asɔre no muni.[2][3]

Beae a menyaa nsɛm fii[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-07
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-07
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-07