Joseph Baiden-Aidoo

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Joseph Boahen Aidoo
Former Western Regional Minister
Mprenpren
Bere
7 January 2001
OdikanfoGeorge Buadi
AnanmusiniAkwasi Oppong Fosu
MP for Amenfi East
Bere
7 January 2001 – 6 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere13 December 1957 (1957-12-13) (age 66)
Wassa Afransie
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma5
Sukuu a w'akɔUniversity Of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaLecturer And Research Fellow
CommitteesChairman For Lands And Forestry Committee

Joseph Boahen Aidoo (wɔwoo no Ɔpɛnimma bosome ne da a ɛtɔ so 13 wɔ afe 1957) yɛ Ghana amammuifoɔ a ɔyɛɛ Mmarahyɛ Bagua no muni maa Amenfi Apueeɛ mantam a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu.[1][1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ Ɔpɛnimma bosome ne da a ɛtɔ 13 wɔ afe 1957 wɔ Wassa Afransie wɔ Wassa Amenfi Apuei Mantam mu wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu.[1] Wɔ Wassa Afransie wɔ Wassa Amenfi Apuei Mantam mu wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu. Ɔwɔ abodin krataa wɔ Asase ho adesua mu titiriw wɔ Resource Development mu wɔ Ghana Sukuupɔn mu na ɔwɔ MPhil abodin krataa wɔ Asase ho adesua mu nso wɔ University Of Ghana. Ɔwɔ adansedie krataa wɔ Asase Nsakraeɛ, Kuadwuma ne Nkuraaseɛ Nkɔsoɔ mu firi Asase Nsakraeɛ Asoɛeɛ LRTI Taoyuang,Taiwan.[1]

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ Nhwehwɛmufo ne ɔkyerɛkyerɛfo.[1] Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so na ɔyɛ nhwehwɛmufoɔ. Na ɔyɛ nhwehwɛmufo wɔ Institute of Land Management and Development ILMAD na ɔyɛɛ adwuma pii wɔ asase ne kokoo ho.

Wayɛ ɔman nhwehwɛmufoɔ titire ama Amanaman Ntam Ahyehyɛdeɛ dodoɔ bi te sɛ Amanaman Nkabom Aduan Ne Kuadwuma Ahyehyɛdeɛ FAO ne Amanaman Ntam Aduan Ho Nhyehyɛeɛ Nhwehwɛmu Asoɛeɛ (IFPRI), Washington,[2] ne H. R. Wallingford nso. Ɔwɔ nwoma dodoɔ bi a ɔde ne din ahyɛ mu.Wɔn mu titire ne K.Otsuka, J.B Aidoo ne ne mfɛfoɔ.A. R. Quisumbing, J.B AIDOO ne afoforo. 1998 "Mmea asase Hokwan wɔ Nsakrae a Ɛkɔ Ankorankoro a Wɔyɛ no Mu". K. Otsuka, J. B. Aidoo ne afoforo. 1998 "Nea ɛde Asase a Wɔde Di Dwuma Asoɛe a Ɛresakra wɔ Ghana Atɔe fam no ba ne nea efi mu ba". Cornish, G. ne Aidoo, J. ne Ayamby, I. (2001) Nsuo a wɔde gugu nnɔbaeɛ so wɔ nkuropɔn ho wɔ Kumasi, Ghana - akuafoɔ dwumadie ne aba a wɔnya ho nhwehwɛmu. Cornish, G. ne Aidoo, J. ne Ayamby, I. (2001) Nsuo a wɔde gugu nnɔbaeɛ so wɔ nkuropɔn ho wɔ Kumasi, Ghana - akuafoɔ dwumadie ne aba a wɔnya ho nhwehwɛmu. Dwumadie no Amanneɛbɔ. HR. Wallingford Ltd.[3] Cornish, G. ne Aidoo, J. (2000) Nsuo a wɔde gugu nnɔbaeɛ so wɔ nkuropɔn ho mpɔtam wɔ Kumasi, Ghana: nsɛm a wɔhunuu firii nsɛmmisa nhwehwɛmu a ɛdi kan mu. Dwumadie no Amanneɛbɔ. HR Wallingford Ltd. Saa bere no Ɔmampanyin John Agyekum Kuffour na ɔpaw no sɛ Atɔe Fam Ɔmantam Soafo fi afe 2001 kosi afe 2006.[1] Ɔsan nso yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Amenfi East Constituency firi afe 2001 kɔsi afe 2012 wɔ NPP New Patriotic Party tekiti so.[1] Afe 2020 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Ghana Cocoa Board no sohwɛfoɔ panin.[4] Ná ɔyɛ kan Atɔe Fam Ɔmantam Soafo nso.[5][6] Wɔmaa no Best Construction Industry CEO of SIGA Award wɔ afe 2020-2021 mu[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuw no muni.[8] Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Amenfi Apuei mantam a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu ma mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so 5 wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu.[1][9] Wɔde abatow 18,576 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow wɔ New Patriotic Party no tekiti so nyinaa mu 35,832. Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 45.33 ne ɔha biara mu nkyem 2.83[1] Wɔpaw no sɛ Ɔman Soafo a ɔhwɛ Atɔe Fam Mantam no so.[5]

Wɔ afe 2000 mu no, wɔpaw Joseph Boahen Aidoo sɛ mmarahyɛ baguani ma Amenfi Apuei fam mantam a ɛwɔ Ghana Atɔe Fam Mantam mu wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so. Na ne mansin no yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 9 no fa wɔ nkongua 19 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Atɔe Fam Mantam no mu.[10]

Onyaa abatow 14,578 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Onyaa abatow 14,578 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Wɔpaw no sen George Buadi a ofi National Democratic Congress ne Gabriel Yaw Amoo-Gyedu a ofi Convention People’s Party mu. Eyinom nyaa abatow 10,802 ne 694 wɔ abatow a wɔtow no nyinaa mu.[11]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.[1] Ɔwaree na mmaanom.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 "Joseph Aidoo (politician)", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-01
  2. https://www.ifpri.org/publication/womens-land-rights-transition-individualized-ownership-0, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. pdf (PDF)
  4. "COCOBOD uncovers 'ghost' cocoa roads awarded under NDC government — Aidoo"
  5. 5.0 5.1 Hon. Joseph Boahen Aidoo | CHOCOVISION, 2020-07-11, archived from the original on 2020-07-11, retrieved 2023-10-01
  6. COCOBOD CEO under fire from Amenfi East NPP youth (in English), 2018-02-03, retrieved 2023-10-01
  7. admin (2021-12-21), COCOA Boss presented with Best Construction Industry CEO of SIGA Award (in English), retrieved 2023-10-01
  8. NPP primaries: List of MPs who retained their seats (in English), 2020-06-21, retrieved 2023-10-01
  9. Results Parliamentary Elections, retrieved 2023-10-01
  10. Peace FM, Ghana Election 2000, retrieved 2023-10-01
  11. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2000 Results - Amenfi East Constituency, retrieved 2023-10-01