Joseph Ampomah Bosompem

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Joseph Ampomah Bosompem yɛ Ghana amanyɔni na na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni ma Akim Swedru Mantam a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Bosompeh wɔ 29 June 1957 wɔ Akim Swedru wɔ Ghana Apuei Fam mantam mu . Ɔkɔɔ Swedru Ntoaso Sukuu ne Ofori Panin Ntoaso Sukuu maa ne GCE Ordinary Level na owiee sukuu wɔ afe 1979 mu. Ɔnyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Adwumayɛ ho nimdeɛ mu wɔ Manchester Adwumayɛ Sukuu a ɛwɔ Manchester Suapɔn mu wɔ afe 2004 mu. Ɔwɔ adansedi krataa wɔ Assets Management mu wɔ Columbia Sukuupɔn a ɛwɔ USA, a onyaa wɔ afe 1994 mu. Bosompeh suaa ade wɔ Institute of Professional Studies and Self Tuition (IPS) maa ne ACCA wɔ afe 1990 mu. Ansa na eyi reba no, osuaa ade wɔ sukuupɔn a ɛwɔ Strathclyde Business School wɔ UK na owiee sukuu no na onyaa Certificate wɔ Public Finance Management Practice wɔ Central and Local government mu wɔ afe 1994.

Adwuma[sesa]

Bosompem ayɛ ɔfotufoɔ a ɔyɛ adwuma wɔ Integrated Intellect Limited firi afe 2004. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne adwumayɛfo panyin wɔ afe 2006 ne 2008 ntam. Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ Deputy Commissioner of the Valued Added Tax (VAT) wɔ Ghana. Ansa na ɔreyɛ adwuma sɛ ɔfotufoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ a ɔde ne ho no, na ɔyɛ adwuma wɔ Ministry of Finance and Economic Planning wɔ Ghana Aban Counterpart wɔ Public Expenditure and Dept Management Project. Mmeaeɛ foforɔ a Bosompem ayɛ adwuma wɔ hɔ no bi ne, Controller and Accountants General Department, ne Ghana Suapɔn sɛ Accounts Officer.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Bosompem sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua no wɔ New Patriotic Party tekiti so wɔ afe 2008 mu sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Akim Swedru Mantam no. Ɔnyaa abatoɔ 30,389 a ɛfata a wɔtoo no mu 19,314 a egyina hɔ ma 63.6%. Nanso, odii nkogu wɔ n'apam no mmrahyɛbagua primaries mu wɔ afe 2012.

Ankorankoro asetra[sesa]

Bosompem aware a ɔwɔ mma baanum. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Presbyterian asɔre no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]