Joseph Ampaabeng Kyeremeh

Ɛfi Wikipedia

Kan Commissioner for Cocoa Affairs wɔ SMC II nniso no mu, Po so Asraafo Panyin Joseph Ampaabeng Kyeremeh asi so dua sɛ Flt. Ɔsahene J.J. Rawlings popaa champagne toa bi bere a wɔbɔɔ Asɛnnibea Kunini no atemmufo baasa no ne asraafo panyin a wakɔ pɛnhyen no wu ho amanneɛ kyerɛɛ no no.

Bere a ɔkɔɔ National Reconciliation Commission (NRC) wɔ Accra nnɛra no, Naval Capt. Kyeremeh kae sɛ Dzandu a ɔyɛ atemmufo baasa no awudifo no mu biako ne asraafo panyin no kaa eyi kyerɛɛ no wɔ Nsawam Afiase wɔ afe 1983. Ɔkaa sɛ Amedeka a wonim no sɛ be owu kuw no kannifo no kaa saa oprehyɛn no ho asɛm pefee kyerɛɛ Ɔsahene Osei bere a na wɔn baanu nyinaa da afiase saa bere no. Naval Capt. Kyeremeh kaa sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔde Amedeka bɔneka no sie kɔsi berɛ a Commander Osei bɛba commission no anim.