Johnson Boateng Siriboe

Ɛfi Wikipedia


Johnson Yaw Kusi Bodum Boateng Siriboe yɛ Ghana mmaranimfoɔ [1] ne ɔtemmufoɔ. Ɔyɛɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmufoɔ firi afe apem ahankron aduosia nnan kosii afe apem, ahankron aduosia nsia ; afei firi afe apem, ahankron aduoson nson nso.

Abrabɔ ahyaseɛ[sesa]

siriboe firi Asante Juaben a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Na ɔyɛ adwumakuo a ɛtɔ nneɛma (PBC) no mu twerɛtwerɛfoɔ kɔsii afe apem, ahankron aduanan nsia (1946) mu bere a ɔkɔɔ Nglesi Abrokyiman mu kɔsuaa mmara. Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Mmaranimfoɔ kuo no mu wɔ afe apem , ahankron aduanan nkron (1949) mu. Berɛ a ɔsan kɔɔ Gold Coast no na akyiri no, ofii aseɛ yɛɛ kokoam mmaranimfo adwuma.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔfirii n’adwuma ase wɔ benkyi so sɛ ɔtemmufoɔ. Na osii William Bruce-Lyle ananmu wɔ Swedru.[3] Akyire no ɔbɛyɛɛ Asɛnnibea Kunini temmufo na wɔmaa no dibea kɔɔ Asɛnnibea Kunini no benkyi boom William Bruce-Lyle wɔ afe apem, ahankron aduosia nnan ( 1964 )[4] Afe apem ahankron aduosia nsia (1966) mu, berɛ a wotuu Kwame Nkrumah, aban a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no guiɛ akyi no, adehyeman Ghana de Asɛnnibea Kunini no sii Asɛnnibea a Ɛhwɛ Asɛm a Wɔde Kɔdan Asɛnnibea no ananmu. [5]Na woyii ɔne ɔman mpanyimfo afoforo a wɔsom wɔ Ghana atemmu benkyi wɔ ɔman a edi kan no mu no firii mu. Akyire yi wɔpaw no sɛ Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan no temmufo [6][7]na wɔ August 1970 mu no, wɔpaw no sɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmufo.[8]Ɔsomm wɔ saa dibea yi mu kosii 1972 mu bere a asraafo nniso a na edi tumi saa bere no, Ɔman Agyede Bagua no, tuu Asɛnnibea Kunini no fii hɔ bio no. Na ɔyɛ Abatoɔ Bagua a nnipa 16 na wɔwom a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ mu na wɔmfa nyansahyɛ mma wɔ asɛm biara a ɛfa abatoɔ ho wɔ Ghana a ɔman mmarahyɛ bagua biara de asi hɔ wɔ amansan mmara a ɛsɛ sɛ amansɛm bagua no hyehyɛ no ase . Na ɔsan yɛ titenani wɔ ahenfo kuo no mu

Abrabɔ mu asɛm[sesa]

Ɔwaree Esme Siriboe. Wɔbɔɔ mu tee "Morning Star" sukuu a ɛwɔ Cantonment no.[9]

OWUO[sesa]

owuu wɔ kar akwanhyia mu wɔ Osino wɔ Apuei Fam Mantam mu Memeneda, 16 July 2001 bere a na wadi mfe 85.[2][12] Wɔsiee no wɔ 8 Ɔpɛpɔn 2001 wɔ ne kurom Asante Juaben.[2]

owuu wɔ lɔre akwanhyia mu wɔ Osino a ɛwɔ Apuei Fam Mantam mu , Memeneda, 16 Kutawonsa, 2001 berɛ a na wadi mfeɛ aduowɔtwe nnum [10][11]Wɔsiee no wɔ 8 Ɔpɛpɔn 2001 wɔ ne kurom Asante Juanaben.[12]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana Department of Posts and Telecommunications (1986), Telephone Directory (in English), retrieved 2023-04-02
  2. Retired Supreme Court Judge IS dead (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-04-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Mathew Anum Barnor (2001), A Socio-medical Adventure in Ghana: Autobiography of Dr. M.A. Barnor (in English), Vieso Universal, ISBN 978-9988-7960-2-0, retrieved 2023-04-02
  4. Africa Research Bulletin: Africa, political, social and cultural series (in English), Africa Research, Limited, 1964, retrieved 2023-04-02
  5. Africa Diary (in English), M. Chhabra, 1965, retrieved 2023-04-02
  6. Moses Danquah (1969), The Birth of the Second Republic (in English), Editorial and Publishing Services, retrieved 2023-04-02
  7. Ghana News (in English), Embassy of Ghana, 1969, retrieved 2023-04-02
  8. Annual Survey of African Law (in English), F. Cass, 1970, retrieved 2023-04-02
  9. Ghana Year Book (in English), Daily Graphic, 1969, retrieved 2023-04-02
  10. Elvis D. Aryeh (2002-07-16), Daily Graphic: Issue 148756 July 16, 2002 (in English), Graphic Communications Group, retrieved 2023-04-02
  11. "Johnson Yaw Kusi Bodum Boateng Siriboe", Wikipedia (in English), 2022-12-29, retrieved 2023-04-02
  12. Retired Supreme Court Judge IS dead (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-04-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)