Johnson Asiedu Nketiah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Johnson Asiedu Nketiah
Portrait picture of Aseidu Nketia in his office
General Secretary for NDC
Mprenpren
Bere
2005
DeputyDr. Peter Boamah Otokunor
Ms. Barbara Serwaa Asamoah
OdikanfoDr Nii Armah Josiah-Aryeh
Vice President for Socialist International
Bere
2017–2022
OdikanfoAntónio Guterres
Deputy Minister of Food and Agriculture (Crops)
Bere
1997–2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoDr Matthew K. Antwi
Member of Parliament for Wenchi West Constituency (Fourth Republic)
Bere
1993–2005
AnanmusiniHon Joe Danquah
Member of Consultative Assembly representing Wenchi District Assembly
Bere
1992–1993
Assembly Member for Wenchi District Assembly
Bere
1988–1990
Ne ho asɛm
Awo bere
Johnson Asiedu Nketia

24 December 1956 (1956-12-24) (age 67)
Seikwa, Bono Region, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniMrs. Vida Adomah Nketiah
MmaAmma Addae Nketiah, Kwaku Asiedu Nketiah, Yaa Asantewaa Nketiah, Afia Afra Nketiah and Kwame Boateng Nketiah
ResidenceAccra
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, Legon & Ghana Armed Forces Command College
N'adwumaPolitician
N'adwumaBanker, Stock Broker and Teacher

Johnson Asiedu Nketiah, a yɛfrɛ no ntotom nyinaa sahene, yɛ Ghanani amanyɔni a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ panin ma National Democratic Congress (NDC) amanyɔ kuo no.[1]

Abrabɔ ahyeaseɛ[sesa]

Wɔwoo Asiedu Nketiah wɔ Seikwa a ɛwɔ Wenchi mansini mu wɔ Brong-ne Ahafo mantam mu mprenpren deɛ ɛyɛ Bono mantam a ɛwɔ Ghana wɔ Ɔpɛnimaa bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nnan afe apem ahankron aduonum nsia(Ɔpɛnimaa 24,1956), nagya ne ɔpanin, Nana Kwaku Asiedu, a ɔyɛ kuani a ɔfiri Ɔyoko abusua mu ne maame de Madam Hagar Akosua Afrah a ɔfiri Akwamu abusua mu. Ɔno na ɔtɔ so nnum ne maame mma nkron no mu.

Nwomasua[sesa]

Owura Asiedu Nketiah hyɛɛ ne mmɔfra sukuu ase wɔ Seikwa Presbyterian sukuu mu.[2] Afei, Ɔtoa so kɔɔ kɔlege wɔ St. Joseph’s College of Education wɔ Bechem[3] firi afe apem ahankron aduoson nnsn(1974) kɔpem afe apem ahankron aduoson nwɔtwe(1978) ɛhɔ na ɔnyaa abɔdin krataa sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe (1978).

Ɔhyɛɛ nadwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Seketia Presby sukuu a ɛwɔ Jaman North mansini mu wɔ Bono mantam mu. Ɔnyaa kwan sɛ osuani wɔ University of Ghana suapɔn no mu sɛ Business sukuuni wɔ 1983 sɛ ɔnkɔ yɛ Bachelor of Science Degree in Business Administration (Banking and Finance option).

Na Nketiah ka mpanimfoɔ a ɔyɛɛ Post Graduate Training Programme in Stock Brokerage and Investment Analysis berɛ a Ghanafoɔ de Stock Exchange baeɛ.[4] Ɔnyaa abɔdin wɔ Maseta of Science Degree in Defense and International Politics firii Ghana Armed Forces Command kɔlege wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019).[5]

Adwuma[sesa]

Aseidu Nketia yɛɛ adwuma wɔ GIHOC Distilleries adwuma kuo mu.[6] Afei, ɔbɛyɛɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin maa Nkoraman sikakorabea[7] ne Sehwi Asawinso sikakorabea sɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin a ɔkyerɛkyerɛ.[8]Wayɛ adwuma wɔ National Trust Holding (NTHC) adwuma kuo mu pɛn sɛ stockbroker ne investment banker.[9]

Amanyɔsɛm[sesa]

Aseidu Nketia yɛ Ghana mmarahyɛbadwani a ɔyii no kaa abadwafoɔ ɛhwɛ sikasɛm ntotoeɛ so wɔ Ghana.Ɔyɛɛ ɔtitenani maa Mines ne ahoɔdenneɛ abadwa kuo, afei ɔsane ka abadwafoɔ a ɔhwɛ nnuane ne mfudeɛ ne kookoo nsɛm ho, bio ɔyɛɛ dɔm dodoɔ a ɔwɔ mmarahyɛbadwa fie no nnaano panin abadeɛkire. Ɔyɛɛ ɔsuafoɔ abadeɛkyire ɔhwɛ nnuane ne nnuaba so wɔ Ɔmanpanin Jerry John Rawlings aberɛ so.

Wɔ National Democratic Congress' (NDC) Mpanimfoɔ nhyiamudie ase wɔ afe mpem mmienu ne nnum, Ɔpɛnimaa bosome mu ɔtoo aba maa no dii nkunim ɔde ɔha nkyɛmuu aduowɔtwe na ɛdii nkunim wɔ[10]Bede Ziedeng, owura Sylvester Mensah ne owura Antwi Boasiako bɛyɛɛ ɔtwerɛtwerɛfo panin a ɔtɔ so mmiɛnsa ma NDC amanyɔ kuo no. Ɔyii no bio wɔ afe 2010,[11] ne 2014.[12] Ɔpɛpɔn bosome mu.

Ɔtoo aba yi sɛ mmarahyɛbadwani maa no bɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa (Ɔpɛpɔn 7,1993) wɔ nkunimdie a ɔdii no wɔ afe apem ahakron aduokron mmienu Ghana abatoɔ mu wɔ Ɔpɛnimaa bosome ne da a ɛtɔ so aduonu-nkron(Ɔpɛnimaa 29,1992).[13] Wɔ afe mpem mmienu Ɔpɛnimaa abatoɔ no ɔtotoo ɔne owura Rojo Mettle-Nunoo ano.[14][15]

Amanfoforɔ so amsnyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne du-nson In (2017), no ɔyii owura Asiedu Nketiah sɛ ɔmampanin abadeakyire ma[16] Socialist International in absentia at Cartagena sɛ ɔmɛdi António Guterres adeɛ. Ɔsane yii no sɛ ɔmɛsom George Papandroe.[17]

Abrabɔ[sesa]

Owura Asiedu yɛ kristoni a ɔka Presbyterian asɔre a ɛwɔ Ghana.[18] Ɔyɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma nnum ne yere din Awuraa. Vida Adomah Asiedu Nketiah, .

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "E-Levy: Stop the wastage, cut expenditure - Asiedu Nketia proposes alternatives - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2022-01-31. Retrieved 2022-02-01.
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-2
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-3
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-4
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-5
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-6
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-7
  8. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-7
  9. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Asiedu_Nketia#cite_note-9
  10. "NDC congress ends with changes in the Leadership | General News 2005-12-24". ghanaweb.com. Retrieved 2019-10-12.
  11. "NDC Retains Winning Team | General News 2010-01-17". ghanaweb.com. Retrieved 2019-10-12.
  12. "Asiedu Nketiah Easily Retains NDC General Secretary Role | Betty Mould, Kofi Adams, And All The Winners From The NDC Congress". GhanaCelebrities.Com (in American English). 2014-12-21. Retrieved 2019-10-12.
  13. Ghana Parliamentary Register 1992-1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 275.
  14. "As it happened: Asiedu Nketia's cross-examination continues as Supreme Court resumes hearing of election petition - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-02-14.
  15. "As it happened: Rojo Mettle-Nunoo testifies for Mahama in election petition - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-02-14.
  16. "NDC delegation in United States for a Meeting". ghananewsagency.org. Archived from the original on 2019-10-12. Retrieved 2019-10-12.
  17. "President, Secretary General, and Vice-Presidents elected by the XXV Congress". Socialist International (in English). Retrieved 2020-07-10.
  18. "Presbyterian Church of Ghana". pcgonline.org.