Johnson Asiedu Nketia

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Johnson Asiedu Nketia
Portrait picture of Aseidu Nketia in his office
General Secretary for NDC
Mprenpren
Bere
2005
DeputyDr. Peter Boamah Otokunor
Ms. Barbara Serwaa Asamoah
OdikanfoDr Nii Armah Josiah-Aryeh
Vice President for Socialist International
Bere
2017–2022
OdikanfoAntónio Guterres
Deputy Minister of Food and Agriculture (Crops)
Bere
1997–2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoDr Matthew K. Antwi
Member of Parliament for Wenchi West Constituency (Fourth Republic)
Bere
1993–2005
AnanmusiniHon Joe Danquah
Member of Consultative Assembly representing Wenchi District Assembly
Bere
1992–1993
Assembly Member for Wenchi District Assembly
Bere
1988–1990
Ne ho asɛm
Awo bere
Johnson Asiedu Nketia

24 December 1956 (1956-12-24) (age 67)
Seikwa, Bono Region, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniMrs. Vida Adomah Nketiah
MmaAmma Addae Nketiah, Kwaku Asiedu Nketiah, Yaa Asantewaa Nketiah, Afia Afra Nketiah and Kwame Boateng Nketiah
ResidenceAccra
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, Legon & Ghana Armed Forces Command College
N'adwumaPolitician
N'adwumaBanker, Stock Broker and Teacher

Johnson Asiedu Nketiah, ɛdin a yɛ de nim no paa ne General Mosquito, ɔyɛ Ghana amanyɔni a ɔno na ɔyɛ ɔwterɛtwerɛfoɔ sahene anaa panin (General Secretary) de ma National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no.[1]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Sukuu[sesa]

Asiedu Nketia wɔn woo no wɔ Seikwa B/A wɔ Wenchi Mansini no mu (Wenchi Municipal District) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region) a ɛnnɛ yi ɛyɛ Bono mantam no mu (now Bono Region) a ɔwɔ Ghana man no mu wɔ Ɔpɛnimma bosome no ne da a ɛtoso aduonu-nan wɔ mfie mpem aha-nkron ne aduo-num nsia (24th December 1956) no mu a agya a ɔwoo noɔ ne Nana Kwaku Asiedu a na ɔyɛ ɔkuani a na ɔfiri ɛyɛ Oyoko Adehyeɛ abusua (Oyoko Royal family) no dehyeɛ a ɛnnɛ yi ɔnteaseɛ biom ɔne Maame Hagar Akosua Afrah a ɔno nso firi ɛyɛ Akwamu Adehyeɛ abusua (Akwamu Royal family) no mu na ɛwooeɛ. Ɛno ne ɛba a ɔtɔso nnum wɔ mma nkron no mu. Na ne wɔfa nimpɔn ne Agyemang Badu.

Nimdeɛ pɛ /Sukuu[sesa]

Owura Asiedu Nketiah hyɛɛ sukuu ase wɔ Seikwa Baasere mfitiaseɛ sukuu no mu (Seikwa Presbyterian Primary School). Na ɔsanso toaso sɛ ɔbɛ nya nteteeɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Ɔhoteeni Joseph Nimdeɛ pɛ Suapɔn no mu (St. Joseph’s College of Education) wɔ Bechem de firi ɛyɛ mfie mpem aha-nkron ne aduoson-nan (1974) de bɛsi mfie mpem aha-nkron ne aduoson-nwɔtwe (1978) a ɛhɔ na owie sɛ obi a yɛde no afa nteteɛ mu sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ mfie apem ahankron ne aduoson-nwɔtwe (1978) no mu. Ɔhyɛɛ

n'adwumaeɛ ase sɛ ɔkyerɛkyerɛni a w'afa nteteeɛ mu wɔ Seketia Presby anaa sɛ Baasere mfitiaseɛ sukuu (Presbyterian Primary School) wɔ Jaman Atifido Mansini no mu (Jaman North District).[2] a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam no mu. Onyaa suapɔn mu kwae kɔɔ ɛyɛ Ghana Sukuupɔn mu nefa a ɛno ne dwadie nimdeɛ so ( University of Ghana Business School) [3] wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe-mmiensa (1983) no mu na ɔkɔ suaa nimdeɛ sɛ (Bachelor of Science Degree) wɔ ɛdwadie nketahodie mu (Business Administration) wɔ sikasɛm kora ne ntotoeɛ (Banking and Finance). Nketiah yɛ ɛkuo ba a ɔka wɔn a wɔn dii nkan anaa sɛ ɔkannifoɔ kuo a w'awie suapɔn anyaa nteteɛ wɔ dwumadie ɛfa sikasɛm dwadie (Stock Brokerage) ɛne sɛ wo de sika ɛhyɛ dwumadie bi mu anaa sɛ wo rebɔ ka wɔ biribi ho (Investment) wɔ ne nhwehwɛmu wɔ mmerɛ a Ghana adwamanso a wɔn to toɔn adwumakuo (Ghana Stock Exchange) [4]no wɔn dii nkae daa no adi. Onyaa suapɔn krataa abɔdin a edikan wɔ abɔdeɛ nyansapɛ mu (Master of Science Degree) wɔ Banbɔ mu ne amanaman amanyɔnsɛm (Defense in International Politics ) wɔ Ghana Aseraafoɔ ɔhyɛ suapɔn mu (Ghana Armed Forces Command College)[5] wɔ mfie mpem aduonu ne du-nkron no mu.

Adwuma[sesa]

Aseidu Nketia ayɛ adwuma wɔ GIHOC Distilleries Company Limited.[6] W'asanso ayɛ adwuma adwuma mu ɔhwɛsofoɔ panin (manager) wɔ Nkoranza nkurasenkurase Sika korabea adwumakuo (Nkoraman Rural Bank )[7] no mu ɛne Sehwi Asawinso nkurasenkurase Sika korabea adwumakuo (Sehwi Asawinso Rural Bank) adwumakuo no mu [8] sɛ nteteɛfoɔ panin. W'asanso ayɛ adwuma wɔ bea a okura Ɔman mu awerɛhyɛmu adwumakuo (National Trust Holding Company Limited) (NTHC) [9] no mu sɛ sikasɛm dwadie ne adwuma Sika nhyɛmu ho sika korafoɔ.

Amanyɔnsɛm[sesa]

Sɛ Ghana mmarahyɛbadwakuo ba ,Asiedu Nketia ayɛ adwuma wɔ appointment committee, afa a wɔn hwɛ sikasɛm ntotoeɛ kuo no mu (Finance Committee), amansan nkontabuo kuo (Public Account committee ). W'ayɛ titenadoɔ de ama ekuo a wɔn fam agudeɛ tuo so ne beaeɛ a wɔ hwɛ ahoden neɛ so (Mines and Energy committee),sɛ ekuo ba panin a ɔdi otitenafoɔ no akyi de maa aduane nneɛ ne kuadwuma kuo no (Ranking member for food and agriculture) ɛne cocoa ho nsɛm nkaeɛ ekuba no (Cocoa Afdairs Committee) ɛne mmarahyɛbadwafie ɛdɔm kɛseɛ kuo no titenani abadiakyire ɔkannifoɔ ɔhwɛ sɛ ekuo bɛdi nhyehyɛeɛmapa so wɔ mmarahyɛbadwafie hɔ (Duputy Majority Chief whip). Na ɛyɛ Ɔsuafoɔ abɛdeakyire wɔ asoeɛ a wɔn hwɛ nnuane ne nfudeɛ ne kuadwuma so wɔ Jerry John Rawlings amammuo no mu. Wɔ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no wɔn a w'ayi wɔ sɛ ananmusifoɔ wɔ mmea mmea a yɛ to aba no ananmusifoɔ nhiamu a wɔn to aba yiyi wɔn mpaninfoɔ wɔ bosome Ɔpɛnimaa mu wɔ mfie mpem mmienu ne num no (Delegate Congress in 2005).[10] Nketia de mma no mu ɔha nkyekyemu bɛyɛ sɛ aduo-wɔtwe (80%) na ɛdii nkunim wɔ Bede Ziedeng, Owura Sylvester Mensah ɛne Owura Antwi Boasiako so na ɔde bɛyɛɛ ɔtwerɛfoɔ sahene a ɔtoso mmiensa de ma National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no. Wɔn sanso too aba maa no biom sɛ amanyɔkuo no twerɛtwerɛfoɔ sahene wɔ mfie mpem mmienu ne du no mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu(January 2010) [11] ɛne mfie mpem aduonu ne du-nan (2014)no mu[12] Wɔn too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbedwafie sɛ Mmarahyɛbadwani wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a edikan (1st Parliament of Ghana) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan (4th Republic of Ghana) no mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtoso nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron-mmiensa (7th January 1993) wɔ mmerɛ a na y'abɔ ne din sɛ nkunimdifoɔ wɔ afe apem ahankron ne aduonkron-mmienu (1992) no mu wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a wɔn tooeɛ (Ghanaian General Elections) wɔ Ɔpɛnimaa bosome no ne da a ɛtoso aduonu-nkron no mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (29th, December 1992).[13]no mu. Wɔ mfie mpem aduonu ne aduonu Ɔpɛnimaa bosome no abatoɔ a wɔn wɔn de kɔɔ asɛnnibea (Court) no (In 2020 December Election Pertition) ,wɔn frɛɛ no totoo n'ano ɔne Rojo Mettle-Nunoo.[14][15]

1996 Ghana Ɔman mu no nyinaa abatoɔ[sesa]

Wɔn sanso too aba maa no biom maa no kɔɔ mmarahyɛbedwafie sɛ Mmarahyɛbadwani ne mprenusoɔ a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmienu (2nd Parliament of Ghana) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan (4th Republic of Ghana) wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a wɔn toɔ wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nsia (Ghanaian General Elections in 1996) no mu wɔ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no tumi krataa so. Ɔdii nkunim wɔ Obeng

a na ɔfire New Patriotic Part (NPP) amanyɔkuo mu no so, ɔnyaa mma no mu ɔha nkyekyemu aduanan-baako ne akyiripɔ aduosia ( 41.60%) wɔ mma a wɔn tnoeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu a wɔ susupɛn mu no ɛne mma mpem du-nkron, aha-mmiensa ne aduo-wɔtwe nsia (19,386) na ɛyɛ pɛ na Obeng nso nyaa du-nkron ne akyiripɔ du (19.10%) wɔ ɔha nkyekyemu mu na ɛno nso wɔ susupɛn mu no ɛne mma mpem nwɔtwe, aha-nkron ne num (8,905) na ɛyɛ pɛ.[16]

2000 Ɔman Ghana Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfie mpem mmienu mu no (in 2000) Asiedu Nketia dii nkunim wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Wenchi Atoeɛ abatoɔ mpɛsoa no so foɔ (Wenchi West Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ɔman Ghana mu. Ɔdii nkunim wɔ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no tumi krataa so. Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwa nkonwa nso (7) a National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no nyaa de firi ɛyɛ mmrahyɛbadwa nkonwa aduonu-baako (21) no mu no ho wɔ mmarahyɛbedwam abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana.[17][18]

Ɛyɛ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no na nyaa mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu ketewa wɔn nyaa mmarahyɛbadwam nkonwa no mu aduokron-mmienu (92) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu (200) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[17] Wɔn de mma a wɔn tooeɛ no mu mma mpem du-baako, aha-nson ne aduonu (11,720) wɔ mma mpem aduonu-nan, aha-num ne aduasa-baako (24,531) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[19] Wei ne ɔha nkyekyemu aduanan-nkron ne akyiripɔ mmienu (49.2%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn tooeɛ no nyinaa mu. Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so J

JDanquah a na na ɔfiri the New PatriotParty ic (N P)aamanyɔkuo no my, Kusi EdwaKofi rd a na ɔno nso firɛyɛ Nationalnal Reform (NRP) amanyɔkuo no mu ɛne and Joana Mayfair Aresesa na na ɔno nso firi ɛhe Convention People’s (C a)aamanyɔkuo no mu. Sɛ nea wɔn mu biara nyaaeɛ wɔ aba wɔn tooeɛ no mu na ɛdidisoɔ yi mpem du-baako, ne aduanan-baako11,041) a,,aha-num ne aduanan-mmien5 2041), ɛne,aha-num ne nso507) ( na ɛde firii mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa S.cSɛ ɛba no ɔha nkyekyemu mu nso a deɛ ɛdidisoɔ yi ne deɛ wɔn mu biara nyaaeɛ aduanan-nsia ne akyiripɔ na46.4to )m6mmienu ne akyiripɔ mmiensa2.3 .4%,) ɛne mmienu e 2kyiripɔ baako.1%and) wɔ mma wɔn tooeɛ no nyinaa mu. [19][19][19][19][20]

Amanaman so Amanyɔnsɛm[sesa]

Wɔ mfie mpem aduonu ne du-nson (2017) no mu no, Owura Asiedu Nketia, wɔn too aba yii no [21] sɛ ekuo no panin abadiakyire de ma ekuo a yɛ frɛ wɔn sɛ Socialist International wɔ Absentia wɔ Cartagena sɛ ɔdiadifoɔ akanee Ɔmansoafoɔ panin a ɔfiri Portugal Ɔman no mu ɛne ɛnnɛ yi deɛ ɔyɛ UN amansankuo no twerɛtwerɛfoɔ sahene Antońiò Guterres. Wɔn too aba maa no sɛ ɔnyɛ adwuma mfa mma ɛyɛ deɛ ɔyɛ ekuo no panin a ɔda wɔn ano, George Papandroeu, a na w'ayɛ ɔmansoafoɔ de ma Greece ɔman no ne mprenusoɔ.[22]

Ankorankoreɛ Abrabɔ[sesa]

Asiedu Nketia yɛ okristoni a ɔyɛ Baasere asorekuo no ba a ɔne wɔn na ɛsom (Presbyterian Church of Ghana).[23] Ɔyɛ ɔwarefoɔ a ne ho kafoɔ ne Mrs. Vida Adomah Asiedu Nketiah a ɔne awo mma mu nnum (5) children.

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. E-Levy: Stop the wastage, cut expenditure - Asiedu Nketia proposes alternatives - MyJoyOnline.com (in American English), 2022-01-31, retrieved 2022-09-23
  2. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  3. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  4. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  5. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  6. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  7. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  8. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  9. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-24
  10. NDC congress ends with changes in the Leadership (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-26 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  11. NDC Retains Winning Team (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-26 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  12. GC Staff Tisha (2014-12-21), Asiedu Nketiah Easily Retains NDC General Secretary Role | Betty Mould, Kofi Adams, And All The Winners From The NDC Congress (in American English), retrieved 2022-09-26
  13. Hakim Gali (2015-01-22), "Conditions et étendue de la réparation du préjudice d'anxiété", Actualité juridique du dommage corporel, no. 2, doi:10.35562/ajdc.476, ISSN 2497-2118, retrieved 2022-09-26
  14. As it happened: Asiedu Nketia's cross-examination continues as Supreme Court resumes hearing of election petition - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-02-01, retrieved 2022-09-26
  15. As it happened: Rojo Mettle-Nunoo testifies for Mahama in election petition - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-02-05, retrieved 2022-09-26
  16. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Wenchi West Constituency, retrieved 2022-09-26
  17. 17.0 17.1 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-26
  18. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-09-26
  19. 19.0 19.1 19.2 19.3 19.4 Shiqing Wang, Shisen Xu, Shiwang Gao, Ping Xiao (2021-05-26), "Simultaneous removal of SO2 and NOx from flue gas by low-temperature adsorption over activated carbon", Scientific Reports, vol. 11, no. 1, doi:10.1038/s41598-021-90532-9, ISSN 2045-2322, retrieved 2022-09-26{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  20. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Wenchi West Constituency, retrieved 2022-09-26
  21. "Asiedu Nketia", Wikipedia (in English), 2022-05-25, retrieved 2022-09-26
  22. President, Secretary General, and Vice-Presidents elected by the XXV Congress (in English), retrieved 2022-09-26
  23. PRESBYTERIAN CHURCH OF GHANA (in American English), retrieved 2022-09-26