John Oti Kwabena Bless

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
John Oti Bless
MP
Member of the Ghana Parliament
for Nkwanta North Constituency
Mprenpren
Bere
2013
Deputy Local government and Rural development
Bere
2016–2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere
John Oti Bless

19 October 1979 (1979-10-19) (age 44)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
CommitteesGovernment Assurance Committee Food, Agriculture and Cocoa Affairs Committee

John Oti Bless[1] (wɔwoo no Fida, Ahinime 19, 1979) yɛ Ghana amannyɔni ne Mmarahyɛ badwani a na ɔwɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no mu a ɔgyina Nkwanta Atifi Mansin ananmu wɔ Oti Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[2][3]

Ankorankoro asetena[sesa]

Bless yɛ Kristoni (Pentekoste Asɔre). Ɔwaree (ɔwɔ mma baanan).[4]

Mfitiase asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Bless wɔ Ahinime bosome no da a ɛtɔ so du nkron (19), wɔ afe 1979[5] Ɔfiri Saboba, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam mantam mu.[4] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na ɔnyaa ne Diploma wɔ Mmabun Nkɔsoɔ mu wɔ afe 2002 mu.[4] Ɔsan nso wɔ MA wɔ Ɔmanfoɔ Nsɛm (Ɔmanfoɔ Nsɛm) mu.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Bless yɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no mu nipa. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan wɔ Nkwanta Atifi fam nkonnwa no so wɔ NDC mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ ɔman a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim.[4]

Adwuma[sesa]

  • MD, Nnuruyɛbea a Wɔahyira so/Ahotew adwuma a Wɔahyira so, Accra.[2]
  • Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ mpɔtam aban ne nkuraase nkɔsoɔ so, Ɔkɔtɔberɛ 27, 2016 – Ɔpɛpɔn 6, 2017. [2]
  • Mmarahyɛ Bagua no muni (Ɔpɛpɔn 7, 2013 – mprempren; afe a ɛtɔ so mmiɛnsa)[2]
  • Ɔsan nso yɛ Ranking Member wɔ Aban Awerɛhyem Boayikuo mu wɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua no mu.[7]
  • Ɔsan nso som sɛ Akwan ne Transport Boayikuw no muni wɔ Mmarahyɛ Bagua no mu.[8]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Former Deputy Minister for Local Gov’t Oti Bless finds a wife (in English), 2018-02-09, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  6. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  7. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  8. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01