Jennifer Nanaubuga Makumbi.

Ɛfi Wikipedia

Ɛbɛyɛ afe apem ahankron ne aduasia mu(1960s) na wɔwoo Jennifer Nanaubuga Makumbi.' Ɔyɛ Uganda- Amerika nwoma twerɛfoɔ na ɔsiase twerɛ nwoma nketewanketewa keka ho.[1] Wɔyii no kaa nipakuo a wɔn mmɔndenmɔ sɛ ani wɔ nwomatwerɛ ho[1] siane bɔbɔɔ n'abaso ɛwɔ  ne nwoma a na ɛfa  'The Kintu Saga' ho a ɔtwerɛeɛ. Kwani nso ɛ? Afe mpenu ne du mmiɛnsa(2013)  'Manuscript Project.[2] 'Kwani Trust ɛwɔ afe mpenu ne du nam too nwoma no din 'Kintu' siane  de atwensɛm nwoma yi bɛtoo twa.[3][4][5] Nwumakuo bi sɔɔ n'asene maa ɔtwerɛɛ  ne nwoma 'Manchester Happened'  maa ɔde too dwa ɛwɔ afe mpenu ne du nkron mu(2019).[6] Commonwealth Short Story Prize dwumadie a wɔdii no wɔ  afe aduonu ne du nan(2014) mu no, wɔyii ne nwoma 'Let's Tell This Story Properly''  kaa  nkorɔfokuo a wɔbɔɔ wɔn aba so no ho.[7] Ɔbɛyɛɛ Mpɔtamni nkonimdifoɔ ɛwɔ  Abibi man mu.[8] Afe mpenu ne du nan(2014) Commonwealth Short Prize dwumadie no kɔɔ n'awieɛ no, wɔyii no sɛ ɔno na wɔabɔ ne ho mmɔden pa ara ɛwɔ dwumadie no mu. [9][10] Afe mpenu ne du nan(2014) Etisalat Prize for Literature nso wɔde ne din kaa ho bɔɔ n'abaso wɔ hɔ. [11] Ɔyɛ 'Creative Writing'  ɔkyerɛkyerɛni ɛwɔ  Lancastera Suapɔn no mu.[12] . Wɔbɔɔ n'aba so bio  ɛwɔ Windham-Campbell Prize  ɛwɔ ɛsiane ne bɔsrɛmka ho nsɛm a na ɔtwerɛ ɛwɔ afe mpenu ne du nwɔtwe mu(2018).[13] Ɔde ne nwoma,"The First Woman ' nso nyaa Jhalak Prize akabasobɔdeɛ ɛwɔ afe mpenu ne aduonu baako mu(2021).Ɔne ne kunu,Damian ɛne be ba Jordan tenaa Manchester.[14]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ɛne sukuukorɔ[sesa]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne Sukuukorɔ.

Wɔwoo Jennifer Nanaubuga Makumbi ɛwɔ Kampala a ɛwɔ Uganda man mu.Ɔno ne ba panin wɔ Anthony Kizito Makumbi mma mu. Ɛyɛ ba a ɔtɔ so mmiɛnsa ɛwɔ Evelyn Nnakalembe mma mu. N'awofoɔ ntam teteɛ berɛ a na wadi mfeɛ mmienu ɛna ɔne Elieza Makumbi a na ɔyɛ ne nana barima tenaa mfeɛ mmienu.

Idi Amin amamuo abrɛ so no  ,wɔkyeree ne papa  a na ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea hyɛɛ no aniayaa Berɛ a wɔde ne nkwa kyɛɛ no no,ɔnyaa adwene mu haw ne nkwa nna nyinaa de kɔsii berɛ a ɔwuiɛ. Makumbi sewaa, Catherine Makumbi-Kulubya na ɔtetee no. Ahyɛaseɛ no,na ɔne n'abusua te Nakasero.Ɛyɛ kakra no, wɔkɔtenaa Kololo.

Ɔnyaa ne O-Level abɔdin krataa ɛwɔ Trinity College Nabbingo ɛna ne A-Levels nso, ɔnyaa B.A degree in English abɔdin krataa ɛwɔ King's College Budo. Ɔdɔɔ sukɔ ɛwɔ adekyerɛ mu a ɛfa kasa dwini ho ɛwɔ Brɔfo kasa mu ɛwɔ Islamic Suapɔn a ɛwɔ Uganda. Ɔbɛyɛɛ atwerɛ mu samufoɔ saa supɔn no nwomadahɔ mu,IUIU Mirror no. Makumbi dii kan kyerɛɛ adeɛ ɛwɔ Nakasero Sukuu ntoasoɔ mu a ɛyɛ A-level sukuu. Ɔsiase kyerɛɛ adeɛ mfeɛ nwɔtwe ɛwɔ Hilside High  School. Ɛyɛ ankorankorɛ ntoasoɔ  sukuu a ɛwɔ Uganda.

Inta-sonu akansie a ɛkɔɔ so ɛwɔ Luganda no,ɔtwerɛɛ ahwɛgorɔ nwoma a ɔtoo ne din sɛ Sitaani Teyebase.Ɔde saa nwoma yi dii nkonim ɛwɔ akansie no mu maa ɔde kɔɔ aporɔ ɛwɔ SDA nsɔrensɔre ahodoɔ a wɔwɔ Kampala.

Afe mpenu ne baako ɛwɔ Ɛbɔ bosome mu no, wɔgyee no sɛ suani ɛwɔ Manchester Metropolitan  University maa ɔkɔnyaa abɔdin krataa(MA) ɛwɔ Creative Writing . Ɔwiee PhD ɛwɔ Creative Writing mu ɛwɔ Lancaster Suapɔn mu[15]. Makumbi akyerɛ adeɛ ɛwɔ UK suapɔn ahodoɔ pii mu a na ɔrekyerɛ Brɔfo kasa ɛne  Creative Writing te sɛ deɛ ɔyɛ suapɔn kyerɛkyerɛni.N'atwerɛ dan Granda anum kasadwini adi pa ara ɛnkanka atesɛm a ɛfa gyidiehunu ho,abakɔsɛm a ɛfa nnipa titire bi ho, anansesɛm na kasa mmɛbuo ho.[16][17]

Atwerɛ[sesa]

  1. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  2. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  3. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  4. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  5. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  6. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  7. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  8. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  9. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  10. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  11. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  12. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  13. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  14. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  15. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  16. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21
  17. "Jennifer Nansubuga Makumbi", Wikipedia (in English), 2023-05-04, retrieved 2023-05-21