Jemila Abdulai

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Jemila Wumpini Abdulai yɛ Ghanani blogger, ɔkyerɛwfo ne dijitaal aguadifo. Wɔ afe 2007 mu no, ɔhyehyɛɛ Circumspecte.com, asetena ho blog a wɔde ama Afrikafoɔ. Ne blog no nyaa African Blogger Awards wɔ afe 2016.

Wɔ afe 2015 mu no, wɔde Jemila asɛm tiawa, "Yennenga" kaa Caine Prize Anthology 2015 nwoma no ho: "Lusaka Punk ne Asɛm Afoforo." Na Afrikafo akyerɛwfo nsɛm ntiantiaa afoforo 16 nso kaa nhoma no ho.[1]

Ankorankoro asetra[sesa]

Jemila yɛ Mohammed-Sani Abdulai, Madina Nyansahu ne Mfiridwuma Asoɛe, Accra titrani abadiakyiri no babea.

Nwomasua[sesa]

Jemila nyaa ne ntoaso sukuu wɔ Wesley Girls’ High School a ɛwɔ Cape Coast, Ghana, na owiee Mount Holyoke College a ɛwɔ Massachusetts, USA a ɔyɛɛ Sikasɛm ne Franse kasa ho adesua mmɔho abien.[2]

Ɔsan nyaa Master of Arts abodin krataa wɔ Amanaman Ntam Sikasɛm ne Amanaman Ntam Abusuabɔ mu wɔ Johns Hopkins Sukuupɔn SAIS a ɛwɔ Washington DC, U.S.A.[3]

Nsɛm a wɔka de gyina akyi[sesa]

Ɔyɛ obi a ɔkamfo mmea hokwan ahorow wɔ Ghana, na ɔsan nso bɔ nne wɔ social media, wɔ nsɛmti a ɛfa mfiridwuma, mmea tumidi, ne ɔman nkɔso ho. Jemila nso yɛ #SisterhoodMatters, afe afe adeyɛ bi a wɔyɛ wɔ Ghana a ɛhyɛ Afrika mmaa afahyɛ na ɛde nkɔmmɔdie a ɛfa mmaa akwahosan ne wɔn yiedie ho ba.[4]

Wɔ afe 2016 mu no, Jemila Abdulai, a ɔyɛ BloggingGhana – Ghanafoɔ blogfoɔ kuo bi sohyial media kannifoɔ, boaa ma wɔboaboaa nsɛm a ɛnyɛ ɔfa biara akyi wɔ Ghana 2016 Amansan Abatoɔ no ano na wɔkyekyɛɛ mu denam social media so . Na eyi wɔ nhyehyɛe a ɛne "Ghana Decides" ase. Jemila Abdulai kaa sɛ wɔn botaeɛ ne sɛ wɔde adwene a ɛnni animhwɛ bɛkyerɛ wɔ abatoɔ no ho: "Atetesɛm mu nsɛm ho amanneɛbɔ a ɛwɔ Ghana agye din sɛ wɔde wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu, titire wɔ abatoɔ berɛ mu." Ɛno nti na social media nhyehyɛe te sɛ Ghana Decides ho hia." [5]

Jemila Abdulai yɛ akasafoɔ no mu baako wɔ TEDxAccraWomen nhyiamu a wɔyɛɛ no 28 Ɔkɔtɔberɛ 2016 wɔ Accra, Ghana.[6]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. "Lusaka Punk and Other Stories" The Caine Prize Anthology Book 2015. Retrieved 30 March 2018.
  2. "Jemila Abdulai '09 | Mount Holyoke College" Mount Holyoke College. Retrieved 13 February 2018.
  3. "Mesh Ghana Interview 2014" Mesh Ghana – Jemila Abdulai. Retrieved 17 February 2018
  4. "Sisterhood Matters - Ghana " Theme: Sisterhood Matters: Celebrate Phenomenal Women. Retrieved 6 April 2019.
  5. "Ghana Elections 2016" CNN. Mistrust elections? There's an app for that. Retrieved 30 March 2018.
  6. "TEDxAccraWomen 2016 Conference" Theme: It's About Time. Retrieved 13 February 2018.