JULIUS ANSAH

Ɛfi Wikipedia
Justice of the Supreme Court Ghana
JULIUS ANSAH
october 2004 - 2020
Appointed byJohn Kuffour
Ne ho asɛm
Awo bere
Justice Julius Ansah

1950 ( age 72-73 )
Ne manGhanaian
Sukuu a w'akɔOfori Panin Senior High School, Prempeh College

Julius Ansah (wɔwoo no afe 1950) yɛ Ghana ɔtemmuafoɔ a ɔbɛyɛɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no Temmuafoɔ firi afe 2004 kɔsi afe 2020.

Ɔkɔɔ Ofori Panin ntoaso sukuu a ɛwɔ Apueɛ mantan mu wɔ Ghana ɛna ɔsane kɔɔ Prempeh ntoaso sukuu a ɛwɔ Asantemantan Ghana.[1]

John Kufuor a na ɔyɛ Ghana Ɔmampanyin saa bere no na ɔde Ansah kɔɔ Ghana Asɛnnibea Kunini no mu. John Kufuor kaa ntam wɔ Ahinime berɛ 2004 mu ne Asɛnnibea Kunini atemmufoɔ foforɔ mmienu, Felix Michael Lartey ne Richard Twum Aninakwah.[2]

Sɛ ɔtemmufoɔ panin paa saa berɛ no,[3] ɔyɛɛ adwuma sɛ Ghana Ɔtemmufoɔ Panyin wɔ 20 Ɔpɛnimaa 2019 ne 7 Ɔpɛpɔn 2020 ntam wɔ Sophia Akuffo a ɔgyae adwuma sɛ Ɔtemmufoɔ Panyin no akyi. Kwasi Anin-Yeboah bɛdii Sophia Akuffo ananmu sɛ Ɔtemmufo Panyin a ɔdi hɔ.[4][5]

Wɔ afe 2018 mu a ɔsan nso bɛyɛɛ Ɔtemmuafoɔ Panyin a ɔreyɛ adwuma no, ɔtwerɛɛ krataa de kyɛw kɔmaa atemmuafoɔ nkron a na Ɔman Asɔredan Kɛseɛ Dwumadie a Ghana Aban asusu ho no bɛka wɔn afie.

Atemmufoɔ a asɛm no aka wɔn no mu mmienu, Mariama Owusu ne Avril Lovelace-Johnson akyiri yi bɛkaa ne ho wɔ Asɛnnibea Kunini no mu wɔ Ɔpɛnimaa 2019 mu.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 3 Judges nominated to Supreme Court (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-06-14 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Ten Justices sworn into office to the Superior Courts of Judicature (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-06-14 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Chief Justice appointment: Ansah most senior now not Dotse – Ndebugri shreds seniority argument (in English), 2019-12-18, retrieved 2023-06-14
  4. ghananewsagency.org, archived from the original on 2023-06-09, retrieved 2023-06-14
  5. Akufo-Addo swears in Anin Yeboah as new CJ today (in English), 2020-01-07, retrieved 2023-06-14