Irene Naa Torshie Addo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Irene Naa Torshie Addo
Bere
7 January 2009 – 6 January 2017
OdikanfoNew constituency
Ɛdɔm keseɛ4,545
ƆmanpanyinJohn Kufour
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere30 September 1970 (1970-09-30) (age 53)
Accra, Ghana
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MmaSimone Addo and Samantha Addo and Stanely Addo
Sukuu a w'akɔUniversity of Warwick
N'adwumaLawyer

Irene Naa Torshie Addo (wɔ woo no September da ɛtɔ so 30, afe 1970) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmaranimfo, kane Amanɔni asoeɛ soafo abediakyire ne mmarahyɛ baguani ma Tema atɔe mpesua so.

Ne mmɔfrase[sesa]

Wɔ woo Naa Torshie Addo wɔ Osu a ɛwɔ Nkran mantam no wɔ September da ɛtɔ so 30, afe 1970.

Nhomasua[sesa]

N’adwuma a ɔyɛ ne lɔya na onyaa n’abodin nkrataa a ɛne LLM (Nipasu ne mpuntuo ho asuade) firii suapɔn a ɛne University of Warwick wo afe 1999.

Nnwuma[sesa]

Sɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu nii no, ɔbɛyɛɛ Ghana mmarahyɛ bagua no mu nii ma Tema mpɛsua so wɔ afe 2008 abatoɔ no mu ma no hyɛɛ adwuma ase wɔ January da ɛtɔ so 7, afe 2009 kosi January da a ɛtɔ so 6, afe 2017 bre a Carlos Ahenkora dii ne so nkunim wɔ New Patriotic Party abatoɔ mu wɔ afe 2015.

Abrabɔ mu nsem[sesa]

Ɔyɛ owaregyaefo a ɔwɔ mmɔfra mienu, ɔyɛ Kristoni a n’asɔre a ɔkɔ ne Baptist, Ɔwɔ mmaa mienu wɔ n’aware a edikan no mu a ne mma no ne; Samantha ne Simone ne obarima baako, Stanely a ɔyɛ obi a ogyee no abagyeɛ.  Ne ba panyin ne Samantha Abigail Nana Adobea. Nea ɔtɔ so mienu ne Simone Antonia Naa Adoley Addo ne nea otwa toɔ Stanley Walter Kwamena Adom Addo.