Imoru Egala

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Alhaji Imoru Egala (Ɔpɛnima 5, 1916 – Oforisuo 2, 1981) yɛ kane Ghanani amanyɔni ne nhomsua mu kunini. Okuraa dibea ahodoɔ wɔ kane Gold Coast ne bre a Ghana nyaa fahodie akyi wo aban mu. Ɔyɛ kane Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so firi afe 1960 kosii afe 1961 wɔ Ghana adehyeman a edikan no ase.

Nnwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Onyaa dibea wɔ Nkrumah amanyɔkuo a ɛde Convesntions peoples Party aban mu, a emu bi ne Soafo a ɔhwɛ Amanɔne nsem so ne Soafo a ɔhwe amanebɔ so..

Egala yɛ amanyɔkuo People’s National Party a edii nkonim wɔ afe 1979 manpanyin ne mmarahyɛ bagua abtoɔ no mu hyehyɛfo no m baako. Na ɔyɛ ɔkagyinamdifo ma Dr. Hilla Limann a ɔbɛyɛɛ manpanyin wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ miɛnsa no mu, nea nti a ɛte saa ne sɛ na saa bre no, w’abra no mfie 12 wo Ghana amanyosem mu

Egala wui wɔ April da ɛtɔ 2 afe 1981 mu wɔ New York, United States.

Imoru Egala waree Hajia Memuna. Ne ba baa din de Hajia Ramatu Aliu Mahama a ne kune ne kane manpanyin abediakyire wɔ Ghana (firi 2001 – 2009), Alhaji Aliu Mahama

Nkekaho[sesa]