Ignatius Baffour Awuah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Ignatius Baffour-Awuah
MP
Member of Parliament for Sunyani West Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere
Ignatius Baffour-Awuah

24 August 1966 (1966-08-24) (age 57)
Nsoatre
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
CommitteesHouse Committee; Privileges Committee and Committee of Selection Committee

Ignatius Baffour-Awuah (wɔwoo no Ɔbɛnem 24, 1966), Ghana ɔmanyɛfoɔ yɛ Adwumayɛ ne Adwumayɛfoɔ Nkitahodiɛ soafoɔ.[1]

Mfitiase asetena ne nwmasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ Ɔsanaa, Afe Apem Ahankron ne Aduosia-nsia(1966) na ɔfiri Nsoatre a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne bachelor’s degree wɔ akontabuo mu wɔ afe Apem Ahankron ne aduɔkron mmienu (1992). Ɔsan nso nyaa ne post-graduate diploma wɔ management consultancy mu wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nson (2017).[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔde ne ho kɔbɔɔ ɔsono kokroko Amanyɔkuo ( New Patriotic Party-NPP)no na na ɔyɛ Ɔmampanyin dadaa John Agyekum Kufour aban no mu ni sɛ Ɔmantam soafoɔ wɔ Sunyani Mantam badwa no mu.[2] Akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔmantam soafo abadiakyiri maa Brong-Ahafo mantam no na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔmantam soafo wɔ Kuffour aban koro no ara mu. Ɔperee Mmarahyɛbadwa akondwa no wɔ Sunyani West mansini no na odii nkonim wɔ afe 2008 mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu. Nanso ne akuo, NPP dii nkoguo wɔ ɔmampanin abatoɔ no mu. Wɔsan paw no sɛ MP wɔ saa amansin koro no ara mu wɔ afe 2012 ne 2016. Enti ɔyɛ mprempren mmarahyɛbadwani ma Sunyani atɔeɛ amansini no. Ɔyɛɛ adwuma sɛ deputy minority chief whip firi afe 2013 kosi afe 2017.

Kabinet soafoɔ .[sesa]

Wɔ May 2017 mu no, Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo bɔɔ Baffour-Awuah din sɛ asomfoɔ dunkron a wɔbɛhyehyɛ ne kabinet no fa. Wɔde asomfo 19 no din kɔmaa Ghana Mmarahyɛ Bagua no na Aban no Kasafo, Rt. Hon. Ɔbenfo Mike Ocquaye. Sɛ́ Kabinet soafo no, Baffour-Awuah yɛ ɔmampanin no mu kuo no fa na ɛsɛ sɛ ɔboa wɔ gyinaesi dwumadi atitiriw mu wɔ ɔman no mu.

Abadwakuo ahodoɔ[sesa]

Baffour-Awuah yɛ Ofie abadwakuo no mu ni; ɔyɛ Hokwan Abadwakuo no mu ni na ɔyɛ Abadwakuo a Wɔpaw Nnipa Abadwakuo no muni nso.[1]

Adwumayɛ[sesa]

Hon Baffour Awuah hyɛɛ n’adwuma ase sɛ Accountant a ɔne Europa Aman Nkabom Kuo a wɔde sika boa Micro-projects wɔ Atebubu. Afei ɔyɛɛ adwuma sɛ obi a ɔretete adwuma wɔ adwumayɛ so na awiei koraa no ɔbɛyɛɛ Adwumayɛ sohwɛfo wɔ Nsotreman Nkuraase Sikakorabea.

Wɔ afe 2001 mu no, ɔkɔɔ mpɔtam hɔ amammuisɛm mu wɔ aban kwan so a wɔpaw no sɛ Ɔmantam Panin (DCE) maa Sunyani Mantam no. Ɔyɛɛ DCE mfeɛ nnan ansa na ɔrebɛyɛ Brong Ahafo Mantam no Ɔmantam Ɔsoafoɔ Abadiakyiri wɔ afe 2005 mu na akyire yi wɔ afe 2006 -2008 mu no, wɔyɛɛ no ​​Ɔmantam Ɔsoafoɔ a ɔdi mu.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-05
  2. Ministère de l'Europe et des Affaires étrangères, Composition du gouvernement (in French), retrieved 2023-10-05