Hanna Kudwo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ian Jones Quartey, Okoh nana, obi a ɔnam abɔɔfo kwan so yɛ nnipa ne mmoa sɛ so wɔ sini mu (animator) ne sini kwankyerɛfoɔ de ɔgofoba Nanefua Pizza wɔ ɔyɛkyerɛ “Steven Universe” a mmoa ne nnipa sɛ so na wɔ de dii dwuma no gyinaa ne so.

N’abrab ahyease[sesa]

Wɔwoo no wɔ Busua, wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ akanee ɔ man a wɔfrɛ no sika mpoano, ɛnnɛ yi Ghana mu wɔ ɔpɛnimaa Bosome no mu wɔ Afe Apem Ahankron ne dunnwɔ twe mu (1918), na Kudjoe yɛ kaakyire wɔ anuanom du mu.

ɔwiee sukuu no ɔbɛgyee din wɔ adepam mu wɔ Tarkwa, ɛhɔ na ɔwaree J.C Kudjoe. Na ɔyɛ ɔhwesofoɔ panin wɔ beaeɛ a wɔ tu sika kɔ kɔɔ a ɛbɛn Tarkwa.

Awareɛ no annyina enti ɔne ne nnuabarima kɔtenaeɛ, E.K Dadson, United Gold Coast Convention (UGCC) Amanyɔ kuo no nnanofoɔ no mu baako a ɔdi mu. ɔnyaa nkuranyɛ bi sɛ ɔde ne ho bɛwura Amanyɔsɛm mu berɛ Kwame Nkrumah bɛtenaa wɔn fie wɔ Ay[wohomummɔ Bosome no mu wɔ Afe Apem Ahankron Aduannan - nson mu na ɔmaa no hunuu mmaa ho hia a ehia wɔ Amanyɔsɛm mu.

N’amanyɔ abrabɔ[sesa]

ɔ ne Nkrumah nhyiamudie no akyi no, Kudjoe firii aseɛ taa UGCC amanyɔ kuo no akyi. ɔbenim Bosome no mu w] Afe Apem Ahankron Aduannan - Nnwɔtwe mu, berɛ a wɔkyeree akunini nsia a ɔwɔ amany]kuo no mu no too afiase no, ɔboa sika ano de bɔɔ aporɔ sɛ wɔbɛyi wɔn afiria fiase hɔ. Abadwakuo a na ɛrehwɛ ama wɔanya

mmabunu nkabom kuo wɔ UGCC amanyɔkuo no mu no, na wɔdi mu ntintiman, na wɔdii wɔn akyi berɛ wɔtee wɔn ho firii UGCC bɛyɛɛ CPP, ɔno ne ɔbaa korɔ a na ɔ wɔ hɔ berɛ a na wɔresi ntemu no ho gyinaeɛ. Dodoɔ a wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu sɛ wɔrenni deɛ

atubraman no ahyɛ wɔn no a ɛnam so maa ɛde atubraman no amammuo baa awieiɛ a wɔtoo din “Positive Action” no na Kudjoe

di mu akotene yie, Ɛnam saa Akwanya no so twee d]m maa CPP amanyɔkuo no. Ɛnam so maa ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔhyehyɛ aporɔ bɔ nsɛm wɔ CPP amanyɔkuo no mu no twerɛfoɔ a na ɔsane boaboa d]m ano a mmaa di mu akotene, sɛ wɔde wɔn ho bɛdɔm CPP amanyɔkuo no.

Berɛ a yɛnyaa faahodie akyiri no, Kudjoe tee Abibirem Aman mmaa nkabom kuo wɔ Afe 1957 mu a akyire yi ɛbɛyɛɛ Ghana mmaa nkabom kuo. ɔsane boa maa wɔtee mm]t]fowa ne mmɔfra mfitiaseɛ sukuu wɔ ɔman no nyinaa mu, sane faa akyerɛkyerɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ

ne nneɛma ɛhia ma nhyehyɛeɛ ahodoɔ no. Kudjoe dii anim boa maa wɔko tiaa wɔn a wɔn ho deda soɔ wɔ Ghana atifi mantam, ebi ne ntaadeɛ a ɛfiri aman afoforɔ so a wɔkyɛ maa w]n. ɔ kyerɛɛ

mmaa ahonnidie su ahodoɔ bi te sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anoa nsuo de adware wɔn mma. ɔfirii ɔno ankasa ne pɛ mu n a ɛdii saa dwuma yi wɔ berɛ a na aban no nnim ho hwee, yei maa aban no bo annwo so maa wɔgyee adwuma a w]de hyɛɛ ne nsa no bi firii ne nsam. Ɛkɔm berɛ mu no, ɔsane boa maa wɔkyɛɛ aduane sane hyɛɛ mmaa no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ kuayɔ mu na wɔnnua wɔn ankasa aduane.

Ne wuo[sesa]

Ɛbɛnim Bosome da ɛtɔ so nkron wɔ Afe 1986 mu na Hannah Kudjoe wui. Ne ho nsɛm a ɛbaa krataa mu wɔ Kɔtɔnimaa Bosome da ɛtɔ so nnw]twe w] Afe 1986 mu no wiei sɛ“ Na ɔyɛ obi a ɔ som bo paa yie a ]dii dwuman son de boa maa Ghana nyaa amany] mu ahofadie firii ahempɔn ahodoɔ tumidie ase. Ɛbɛyɛ den mpirempiren yi sɛ yɛ bɛtumi atua honhom fam bonhwa a ne wu no agya”. Kitawonsa Bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ Afe 1986 mu wɔ Nkran Calvary Methodist Asɔrefie na wyɛɛ n’ayie.