Godfred Kwame Otsere

Ɛfi Wikipedia

Godfred Kwame Otsere yɛ Ghanani a ɔyɛ amanyɔsɛm. Ɔsomm sɛ mmarahybadwani maa Ayensuano abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nan no mu wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.[1]

N'adwumasɛm[sesa]

Ɔyɛ Ghanani amanyɔni.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na ɔka New Patriotic Party amanyɔkuo no ho.[2] Wɔtoo aba maa no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ayensuano abatoɔ mpasua no mu berɛ a wɔtoo mfeɛ mpenu ne mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no.[3] Ɔdii Evans Kodjo Ahorsey a na ɔgyina mu ma National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu no so nkunim kɔsomm sɛ mmarahyɛbadwani maa abatoɔ mpasua no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu. Ne som no hyɛɛ aseɛ firii Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nso, mfeɛ mpenu ne baako kɔsii Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nsia, mfeɛ mpenu ne num no mu. Ɔsane tenaa adwa no so berɛ a ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no mu.[4] Mfeɛ mpenu ne nwɔtwe abatoɔ no mu no, ɔdii ntwo maa Samuel Ayeh-Paye a ɔno nso firi New Patriotic Party mu no dii ne so nkunim.[5]

Mfeɛ mpenu abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpenu ɔman abatoɔ mu no, Otsere dii nkunim sɛ mmarahybadwani maa Ayensuano abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no. Na ɔgyina New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no anan mu. N'akonnwa no ka nkonnwa dunwɔtwe a New Patriotic Party dii so nkunim wɔ nkonnwa aduonu-nsia a na wɔrepere wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ saa abatoɔ no mu ho. Yɛka nkonnwa a New Patriotic Party no nyaeɛ nyinaa bɔm a, wɔnyaa nkonnwa ahanu no mu aduokron-nkron wɔ saa abatoɔ no mu. Otsere nyaa mma no mu mpem dumienu, ahansia ne dunwɔtwe. Yei kyerɛ sɛ, ɔnyaa aba dodoɔ a wɔtoo saa berɛ no mu ɔha mu nkyɛmu aduonum baako akyiripɔ aduanan. Nnipa ɔdii wɔn so nkunim no ne Evans Kodjo Ahorsey a na ɔgyina hɔ ma National Democratic Congress amanyɔkuo no, Samuel Nartey a na ɔgyina hɔ ma Convention People's Party ne Evans Oheneaku Asamaning a na ɔgyina hɔ ma United Ghana Movement amanyɔkuo no. Evans Kodjo Ahorsey nyaa mma no mu mpem du ne ahanu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-baako akyiripɔ aduonum, Samuel Nartey nso nyaa apem ne aduokron-nsia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu nan akyiripɔ aduonum, ɛnna Evans Oheneaku Asamaning nyaa mma ahansia aduonum-nson a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu mmienu akyiripɔ aduoson.

Mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ[sesa]

Berɛ a wɔtoo aba wɔ New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no mu no, Owura Otsere dii nkunim kɔgyinaa sɛ Suhum-Kraboa-Coaltar abatoɔ mpasua no mu mmarahyɛbadwani wɔ mantam no mu. na ɛno ne ne mprɛnsa so a wapere saa adwa no. Abatoɔ no baa awieeɛ no, ɔnyaa mma dodoɔ mpem aduasa-baako ne aduokron a wɔtoeɛ no mu mpem dunson, ahansia ne ahasa nsia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduonum-nsia akyiripɔ aduoson.[6] Ɔdii Francis Asare a na ɔgyina National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu no ne Samuel Andrews Donkor a na ɔgyina Convention People's Party anan mu no so nkunim. Mma dodoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu no, Francis Asare nyaa mma mpem dumienu, ahansia ne aduowɔtwe-mmiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan akyiripɔ nwɔtwe ɛnna Samuel Andrews Donkor nso nyaa mma no mu ahanson aduoson-baako a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu mmienu akyiripɔ num.[5] Ne mpasua no ka mpasua aduonu-mmienu a New Patriotic Party dii so nkunim wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ saa abatoɔ no mu ho.[7] Yɛka ne nyinaa bɔ mu a, New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwa nkonnwa ɔha aduonu-nwɔtwe wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.[8]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. NPP government is honouring pledge to the people - MP (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. 2.0 2.1 Paul Seaward (2008-03-17), "The History of Parliament in 2004", Parliamentary History, vol. 23, no. 3, pp. 417–420, doi:10.1111/j.1750-0206.2004.tb00511.x, ISSN 0264-2824, retrieved 2022-09-02
  3. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Ayensuano Constituency, retrieved 2022-09-02
  4. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Eastern Region, retrieved 2022-09-02
  5. 5.0 5.1 Peace FM, Ghana Election 2008 Results - Ayensuano Constituency, retrieved 2022-09-02
  6. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2004 Results, retrieved 2022-09-02
  7. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Eastern Region, retrieved 2022-09-02
  8. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-02