Goddy Leye

Ɛfi Wikipedia

Goddy Leye (24 Ɔbɛnem 1965 wɔ Mbouda, Cameroon – 19 Ɔpɛpɔn 2011 wɔ Bonendale, Cameroon)[1][2] yɛ Cameroonni adwumfo ne onyansafoɔ.

N’adwuma no twe adwene si video ahorow, installations, conceptual art ne theoretical contributions so. Ɔno na ɔhyehyɛɛ adwinni beaeɛ ArtBakery a ɛwɔ Bonendale, Cameroon na na ɔyɛ adwinni ne amanaman ntam nnwuma a ɛfa beaeɛ pɔtee bi ho no sohwɛfoɔ ne nea ɔhyɛ ho nkuran. Ná ne dwumadi no yɛ ade titiriw wɔ amammerɛ ne adwinni mu wɔ Cameroon ne amanaman ntam.

Asetra ne adwuma[sesa]

Wɔwoo Goddy Leye (edin ankasa Godfried Kadjo) wɔ 24 Ɔbɛnem 1965 wɔ Mbouda, Cameroon. Onyaa ne adansedi krataa wɔ ntoaso sukuu bi a wɔka kasa abien mu wɔ 1989 mu na osuaa Afrika nhoma ne kasa ho adesua wɔ Yaoundé Sukuupɔn mu wɔ 1986 ne 1991 ntam hɔ. Wɔ afe 1990 mu no, onyaa ne master’s wɔ Afrika nhoma mu. N’adwinni ntetee fii ase wɔ 1987 mu wɔ mfoniniyɛfo ne adwinni ho abakɔsɛm kyerɛwfo Pascal Kenfack nkyɛn wɔ Yaoundé kosii 1992.[3] Ɔtoaa ne nteteeɛ so wɔ afe 1994 mu wɔ Ɔman Adwini Asoɛeɛ a ɛwɔ Bamako, wɔ afe 1997 mu wɔ ZKM Karlsruhe Center for Art and Media wɔ Germany, wɔ afe 1999 mu wɔ 18th Street Arts Complex wɔ Santa Monica, California ne afe 2002 ne 2002 ntam wɔ Rijksakademie van Beeldende Kunsten wɔ Amsterdam.[4][5] Wɔ Netherlands no ɔne obi bom de sika boa na ɔbɛyɛ Rijksakademie International Network (RAIN), adwumfo kuw bi a wɔboa nnɛyi amammerɛ nneyɛe wɔ aman a wofi mu no muni.[6] Titiriw esiane n’anigye a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa adwinni nneyɛe nti, Leye san kɔɔ Douala wɔ afe 2002 mu kɔyɛɛ adwinni beae ArtBakery wɔ Bonendale, a wɔde wɔn ho ama titiriw sɛ ɛbɛma adwinni ntetee ne nsakrae a ɛba adwumfo ntam no ayɛ mmerɛw na wɔaboa multimedia, installations, video ne digital art.[7]

Wɔ afe 2002 mu no na ɔyɛ adwuma no sohwɛfo Bessengue City, adwumayɛbea ne adwinni adwuma ahorow a ɛfa beae pɔtee bi ho wɔ Bessengue mpɔtam hɔ wɔ Douala; adwuma no fa Goddy Leye, James Beckett, Hartanto, Jesus Palomino ne mpɔtam hɔfo ka ho. Wɔ afe 2006 mu no ɔhyɛɛ Exit Tour ho nkuran na ɔde ne ho hyɛɛ mu. Wɔ afe 2007 mu no ɔboaa Ars ne Urbis Adwumayɛbea a wɔhyehyɛɛ wɔ Douala denam doual'art so de siesiee SUD Salon Urbain de Douala na na ɔwɔ tenabea wɔ Blachère Foundation wɔ Apt, France. Wɔ afe 2008 mu no na ɔwɔ tenabea wɔ Gasworks amammerɛ beaeɛ a ɛwɔ London;[8] wɔ afe 2009 mu no ɔde ne ho hyɛɛ adwuma a ɛne Image Art After mu wɔ nkɔmmɔdie mu ne Florence Ayisi na ɔboaa wɔ Cairo Residency Symposium.[9][10]

Leye adwuma no nyaa nkonimbo fii UNESCO, Rockefeller Foundation ne Dutch Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea hɔ.[4][11] Sɛ́ mfoniniyɛfo ne onyansafo no, ɔde ne ho hyɛɛ animdefo boayikuw ahorow pii mu; na ɔyɛ Africa Center a ɛwɔ Cape Town no adwene kuw no muni na na ɔyɛ CAN (Creative Africa Network)[12] ananmusifo.

Adwuma[sesa]

Leye fii ase yɛɛ adwuma sɛ mfoniniyɛfo wɔ afe 1992 mu.[3] Na n’adwuma no twe adwene si nkae, Afrika atubrafo akyi ne abakɔsɛm a wɔkyekyee so. Nea ɛkɔ akyiri no ɔdaa ne ho adi denam multimedia adwuma, video ne video a wɔde ahyɛ mu so. Bere kɔɔ so no, ofii ase de ne ho hyɛɛ nnwuma ahorow a wɔyɛ mu kɛse wɔ Cameroon ne amanaman ntam nyinaa. Ɔboaa nhoma ahorow, ɔyɛɛ na ɔhwɛɛ adwinni ahorow a ɛfa beae pɔtee bi ho na ɔhyehyɛɛ mfinimfini ArtBakery. Mfinimfini no de nnwinnade ne nhyehyɛe ma adwumfo a wɔn ani gye multimedia productions ho na ɛyɛ nea ɛda nsow wɔ dwuma a ɛyɛ nnam wɔ ntetee mu. Ná Cameroonfo mfoniniyɛfo a wɔtraa ase wɔ n’awo ntoatoaso mu ne nea ennu saa no bu Leye sɛ mfoniniyɛfo ne onyansafo titiriw.[2]

Leye daa n’adwene adi wɔ akwan a wɔfa so ka abakɔsɛm ne nimdeɛ a wɔde ma na wɔn werɛ fi denam n’adwinni, nkyerɛwee ne ne ho a ɔde hyɛ nhyiam akɛse ne adwene ho akuw mu denneennen so. Ne nsusuwii mu mmoa no twee adwene sii amammerɛ ahyehyɛde ahorow nhyehyɛe so, nkitahodi nhyehyɛe ahorow, adwinni ne amammerɛ nneyɛe so ne nkurow akɛse mu nsakrae so.[1]

Video ahorow ne nneɛma a wɔde ahyɛ mu[sesa]
  • Na Lingi Yo, 2007[13]
  • Sankofa River, 1997
  • We Are the World, video, 2006[13]
  • Elections, UCA project, 2007[13]
  • Honey Moon
  • Avis sur Visage, video installation, 2007
  • The Beautiful Beast, video installation[5]
  • Stickers and Wall, Alexandria, Egypt, 2004
  • Dancing With the Moon, video installation, 2003[13]
  • Reel Location, video, 2002
  • The Walking Mirror, video, 2001
  • Visa-je, video installation, 2000[13]
  • The Voice of the Moon, video installation
  • Collaboration with Collectif Auto Da Fe, No Art on Two Dollars A Day, video. Video made from the performance made during SUD Salon Urbain de Douala 2007.
Nneɛma a wɔde kyerɛ obiakofo[sesa]
  • Fiction ou realite?, Fri'Art, Fribourg, 2003
  • Dancing with the Moon, doual'art, Douala, 2003
  • Goddy Leye, Icba Gallery, Salvador de Bahia, 2001
  • Sankofa Blues, doual'art, Douala, 2000
  • Sankofa Blues, Goethe institute, Yaoundé, 1999
  • Behind the Scenes, Electronic Cafe International, Santa Monica, US/on Internet, 1999
  • Sankofa River, doual'art, Douala, 1999
  • Sankofa, French Cultural Centre, Douala, Douala, 1999
  • Sankofa Video, Goethe institute, Yaoundé, 1999
  • Fouilles Sauvages, doual'art, Douala, 1996
  • Bois Sacré, Goethe institute, Yaoundé, 1995
  • Bois Sacré, Ifa, 1995
Kuw mu nneɛma a wɔde kyerɛ[sesa]

Wɔde Goddy Leye adwuma no kyerɛ wɔ afahyɛ ahorow pii ne amanaman ntam ɔyɛkyerɛ ahorow mu.[14]

  • Breaking News. Contemporary Photography from the Middle East and Africa, Ex Ospedale Sant'Agostino, Modena, 2010
  • SUD PARIS, Maison Revue Noire, Paris, 2010[15]
  • Cameroonian Touch.2 – doual'art, Douala, 2010
  • This is now 1 & 2 – L'appartement 22, 1st Johannesburg Art Fair, 2088 and Rabat, 2009
  • Prêt-à-pARTager, Mode-Fotografie-Workshop, curated by IFA Institut für Auslandsbeziehungen, Dakar, 2008 (touring exhibition)[16]
  • Africa Remix, Johannesburg Art Gallery, Johannesburg, 2007
  • Ba Mama, Galerie Mam, Douala, 2007
  • Contemporary Vision, The World Bank, Yaoundé, 2007
  • Africa Remix, Centre Pompidou, Paris, 2006
  • Exit Tour, Douala, Cotonou, Lomé, Accra, Ouagadougou, Bamako, Dakar, 2006, promoted by ArtBakery.
  • Africa Remix, Museum Kunstpalast, Düsseldorf, Germany, 2004
  • New, Netwerk galerij, Aalst, 2003
  • Unesco laureates, 18th street arts complex, Santa Monica, USA, 2003
  • Post-border land, SBK, Amsterdam, 2003
  • Nuits métis, la Ciota, 2003
  • Electromediascope, The Nelson Atkins Museum of Art, Kansas City, 2002
  • Slow, Shedhalle, Zurich, Switzerland, 2002
  • Rendez-vous at Xiamen, Chinese European Art centre, Xiamen, 2002
  • Nuits métis, la Ciota, 2002
  • Videoformes 2002, Clermont-Ferrand, 2002. Presentation of the video The Walking Mirror.
  • Right 2 fight, Sarah Lawrence College, New York, 2002
  • Sao Paulo Biennial, Blick Wechsel, Sao Paulo, Brazil, 2002
  • Playtime, Johannesburg, 2002
  • Bili Bidjocka / Goddy Leye, Espace Doual'Art, Douala, Cameroon, 2001
  • BlickWechsel, IFA-Galerie, Berlin, 2001
  • Lucarne, Goethe-Institut, Yaounde, Cameroon, 2001
  • BlickWechsel, Bonn and IFA-Galerie Stuttgart, 2000
  • Total Global, Museum fur Gegenwartskunst, Bale, 2000
  • Havana Biennial, Havana, 2000
  • Dak'Art 2000, Biennale de l'Art contemporain africain, Dakar Biennale, Dakar, 2000
  • South Meets West, Berne, 2000
  • Boulev'Art, Cotonou, 2000
  • Sept des cents derniers jours, Espace Doual'art, Douala, 2000
  • Lille 2000, Lille, 2000
  • South Meets West, Accra, 1999
  • Dream, Espace Doual'art, Douala, 1999
  • Triennale der Kleinplastik, Stuttgart, 1998
  • Dak'art 98, Dakar Biennale, Dakar, 1998
  • Fenac 98 Festival national de l'Art et de la Culture, Ebolowa, 1998
  • L'Art entre Tradition et Globalisation, Goethe-Institut, Yaoundé, 1997
  • Le Kwatt, Espace Doual'art, Douala, 1997
  • Babil 2, Espace Doual'art, Douala, 1997
  • Resource Art Cameroon, Goethe-Institute, Yaoundé, 1996
  • Cameroon Art, Galeria Arte Mondo, Sarrano, 1996
  • Africa Unite, Galerie Africréa, Yaoundé, 1996
  • Nouvelles Tendances de la Peinture camerounaise, Galerie Africréa, Yaoundé, 1996
  • Babil, Goethe-Institute, Yaoundé, 1995
  • Taxi-couleurs, ERBA Ecole régionale des Beaux-Arts, Angers, 1995
  • Fenac 94, Douala, 1994
  • Taxi-Couleurs, CCF-INA, Bamako, 1994
  • Festac 88 National Festival of Arts and Culture, Douala, 1988
Nsusuwii mu ntoboa ne curatorial adwuma[sesa]

Goddy Leye boaa nhoma ne nsɛmma nhoma te sɛ Chimurenga nsɛmma nhoma. Ɔde nsi boaa nsɛmma nhoma DiARTgonale a mfoniniyɛfo Achilleka de sii hɔ no. Ɔno na ɔhyehyɛɛ ne kwankyerɛfoɔ wɔ mfimfini ArtBakery, hyɛɛ aseɛ wɔ afe 2002. Ɔno na ɔhwɛ adwuma a Bessengue City hyehyɛeɛ wɔ mpɔtam hɔ wɔ Bessengue wɔ Douala wɔ afe 2002 mu na ɔno na ɔhyɛɛ Exit Tour ho nkuran wɔ afe 2006 mu.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://asafrican.com/goddy-leyes-biography%EF%BC%8C-fact%EF%BC%8C-career%EF%BC%8C-awards%EF%BC%8C-net-worth-and-life-story/
  2. 2.0 2.1 https://africanfilmny.org/directors/goddy-leye/
  3. 3.0 3.1 https://web.archive.org/web/20110723180604/http://goddyleye.lecktronix.net/favorite_links_1.html
  4. 4.0 4.1 https://18thstreet.org/artists/goddy-leye/
  5. 5.0 5.1 http://www.galerie-herrmann.com/arts/leye/2009/index_engl.html
  6. http://www.r-a-i-n.net/
  7. http://www.r-a-i-n.net/projects/art+bakery/
  8. https://web.archive.org/web/20101204223257/http://www.gasworks.org.uk/residencies/detail.php?id=356
  9. https://web.archive.org/web/20110724190346/http://www.crs.nu/Cairo_Residency_Symposium/Info_art_bakery.html
  10. https://web.archive.org/web/20110726173217/http://imagineartafter.org/dialogues/dialogues-2009/goddy-leye-and-florence-ayisi/
  11. https://www.lowave.com/en/search?searchword=goddy%20leye&searchphrase=all
  12. https://www.researchgate.net/figure/Creative-Africa-Network-CAN-Design-Mediamatic-Community-Management_fig1_24113659
  13. 13.0 13.1 13.2 13.3 13.4 https://web.archive.org/web/20110723180617/http://goddyleye.lecktronix.net/photo3_1.html
  14. http://www.artfacts.net/en/artist/goddy-leye-36662/profile.html
  15. http://www.revuenoire.com/index.php?option=com_content&view=article&id=3564%3Asud-paris-oct-2010&catid=9%3AExhibitions&Itemid=17&lang=en
  16. https://web.archive.org/web/20110719043414/http://www.ifa.de/en/exhibitions/exhibitions-abroad/bk/pret-a-partager/goddy-leye/

External links[sesa]