Gitura Mwaura na ɔkyerɛwee

Ɛfi Wikipedia

Gitura Mwaura yɛ ɔbariama a ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ Nairobi (ahenkurow a ɛne kenya), Kenya oman a ɛwɔ apuei mantam wɔ Afrika a mprempren ɔreyɛ adwuma sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo fotufo wɔ ahyehyɛde ahorow mu. Ɔyɛ ɔkyerɛwkyerɛwni ne nkɔso ho nsɛm ho amanneɛbɔfo a na wadi kan de ne ho ahyɛ mmeae ahorow, ne afoforo, a ɛfa mmarima ne mmea ne ntawntawdi ho dwumadie ho sɛ nhwehwɛmufoɔ ne nnipa hokwan ho ɔbenfoɔ a ɔne mpɔtam hɔ ne amanaman ntam ahyehyɛdeɛ ahodoɔ a ɛnyɛ aban de yɛ adwuma wɔ beae a ɔwɔ no.

Gitura ayɛ adwuma wɔ ɛlɛtrɔnik ne nhoma a wɔatintim nyinaa mu, na ɔboa ma mpɔtam hɔ nsɛm ho amanneɛbɔ, wɔ Rwanda ne Kenya aman a ɛwɔ afrika apue fam nyinaa . Ɔkyerɛw asɛm bi dapɛn biara ma Rwanda atesɛm krataa The New Times.(Mmere Foforo no)

Wotintim n’asɛm ntiantiaa a ɔboaboaa ano, Portraits of the Heart(Mfonni Ahorow firi akoma,) , wɔ afe 2001 mu (Focus Books)-(nhoma ahorow a wɔde wɔn adwene a si so). Ɔne afoforo kyerɛw nhoma, Resilience of a Nation: A History of the Military in Rwanda(Fountain Publishers, 2009). Wɔde n’asɛm ntiantiaa no mu baako, The Request, aka nhoma a wɔaboaboa ano, The doomed conspiracy ne nsɛm afoforo ho (East African Educational Publishers, 2011). Wotintim ne nwoma, The Painting: Four Sketches and a Poem, wɔ afe 2013 mu (Amazon).

Gitura kan no na ɔyɛ Kenya Nkabom Kuo a Ɛhwɛ Nnuru a Ɛho Hia a Wɔnya (KCAEM) no guamtrani, a ɛdii dwuma titire wɔ nkonimdie a wɔde hwehwɛɛ Kenya Aban, Mmarahyɛ Bagua ne amanaman ntam nnuruyɛ nnwumakuo no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛnya nneɛma a ɛho hia a wɔde sa asramma ne TB, ne, nea ɛda nsow kɛse ne nnuru a wɔde ko tia HIV.

Mprempren ɔyɛ Dwumadie no mu Ɔhokafoɔ wɔ ɔmantam East African Community Media Network (EACOMNET) mu.

Koma no Mfonini Ahorow[sesa]

Gitura nhoma a ɔde ne nsa hyɛɛ ase, Portraits of the Heart, yɛ nsɛm ntiantiaa du-baako a wɔaboaboa ano a ɛfa nsɛmti te sɛ ntetewmu, yare ne owu ho wɔ abusua nhyehyɛe mu. Nsɛm afoforo a wɔadi ho dwuma wɔ nhoma no mu ne AIDS, awo a wontumi nwo ne awofo ne mma ntam abusuabɔ Ɔkyerɛkyerɛfo no ay3 adwuma pa wɔ nhoma yo mu.

Mfonini no: Mfonini Anan ne Anwensɛm Bi[sesa]

The Painting: Four Sketches and a Poem yɛ ayɛsɛm mu nsɛm a wɔaboaboa ano a ɛkyerɛ mmere a ɛka koma na ɛkanyan adwene wɔ mmea baanan a wɔwɔ Afrika Apuei fam asetra mu, a Lucy, hominid( a ɛyɛ aboa ) a wadi ɔpepem 3.2 a wagye din sɛ ɔyɛ nnɛyi nnipa nananom mu biako ka ho.

Ɔman Bi Atumi Agyina Ano: Asraafo a Wɔte Rwanda Abakɔsɛm[sesa]

Wogye di sɛ Rwanda man a ɛwɔ apue fam no puei bɛyɛ Afeha a Ɛto so Du anaa Dubiako a egyinaa asetra ne sraadi ɔman bi ano no mu. Resilience of a Nation hwehwɛ dwuma a asraafo adi wɔ Rwanda abakɔsɛm nyinaa mu de besi nnɛ no mu. Nhoma no hwɛ mmere ahorow a Rwanda asraafo afa mu, efi atetesɛm, atubrafo ne ahofadi akyi ntɛm ara asraafo so kosi mprempren.

Nsɛm a wɔakyerɛw[sesa]

Akyerɛwfo a wɔagye din kɛse wɔ Afrika Apuei fam mantam mu no mu biako, na atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma ahorow atintim Gitura Mwaura nsɛm pii. Saa nhoma ahorow yi bi ne The Standard, The New Times, The Daily Nation, The EastAfrican, Blogger News Network, ne nea ɛkeka ho.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]