Gisèle Rabesahala

Ɛfi Wikipedia
Marie Gisèle Aimée Rabesahala
Awo bere
Rabesahala

1 May 1929
Antananarivo
Owu bere27 June 2011
N'adwumapolitical campaigner and journalist
Notable work
secretary general, municipal councilor
Political partyCongress Party for the Independence of Madagascar,
Movementcommunist

Marie Gisèle Aimée Rabesahala (wɔ woo no wɔ afe apem ahankron aduonu nkron, Kɔtɔnimaa bosome no mu [May 1929] ɛna ɔwuiɛ wɔ afe mpem mmienu ne du-baako mu, Ayɛwohomummɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nson – [27 June 2011]) na ɔyɛ Malagasy amanyɔni ɛna na ɔsane nso yɛ ɔbaa a na ɔyɛ activist a ɔno ne ɔbaa a ɔdi kan a ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ wɔ Madagascar amanmuo mu berɛ a ɛdi kan koraa. ɔde ne ho kɔwuraa amannyɔsɛm mu wɔ berɛ a na wadi mfie du nson (17), a na ɔbɔ ntoa de ma amannyɔfoɔ a wɔdeda afiease, ɛna ɔnam so de bɛyɛɛ Madagascar man no mu ɔbaa a ɔdi kan a ɔbɛyɛɛ municipal councilor, ansa na ɔrebɛyɛ ɔbaa a ɔdi kan wɔ Malagasy a ɔno ankasa rete n'amannyɔkuo na wasane nso ayɛ amanyɔkuo no foroakaatufoɔ a ɔdi kan.[1][2] Na ɔyɛ Marxist ni a na ɔwɔ atuhoakyɛ yie pa ara a na ɔka nnipa a wɔkabɔɔm tee communist Congress amannyɔkuo no[3] a ɛnam so maa wɔnyaa faahodie de maa Madagascar man no, wɔgyee tumi no bɛdii ɔman no so wɔ afe apem ahankron aduoson num (1975) mu. wɔ afe apem ahankron aduoson nson (1977) mu no, ɔbɛyɛɛ Madagascar soafoɔ a ɔdi kan a ɔyɛ ɔbaa, a na ne dwumadie titire ne deɛ yɛka no wɔ borɔfo kasa mu sɛ "promoting revolutionary art and culture", nanso ɔhweree n'adwuma wɔ afe 1991 mu berɛ a ne fa a ɔyɛ hɔ soafoɔ no wɔguu wɔn dwumadie no ɛfiri sɛ na Madagascar man no asane agye multi-party kabimamenkabi amanmuo no atom bio. ɔkɔɔ so dii ne dwuma sɛ amannyɔni ne nsɛmtwerɛni de kɔsi sɛ ɔwuiɛ wɔ afe mpem mmienu ne du-baako (2011) mu.



Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.unesco.org/womeninafrica/gis%C3%A8le-rabesahala/biography
  2. http://unesdoc.unesco.org/images/0022/002282/228267e.pdf
  3. http://www.solidnet.org/article/20-IMCWP-Participants-List/