Gifty Anti

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Gifty Anti, yɛ Ghanani nsɛmkyerɛfo ne TV so dwumadifo. Wɔ woo Gifty wɔ ɔpepon da ɛtɔ so 23, afe 1970. Gifty ne obi a ɔda TV so dwumadie bi ano a w’ato din Stand point a ɛpɛnspɛnsɛm nsɛm a ehia mma wɔ Ghana Telvision so.

Ne ho nsɛm[sesa]

Gifty ase fi Cape Coast a ɛwɔ mfinifin mantam mu a wɔ Ghana nanso, wɔ woo no tetee no wɔ Tema a ɛwɔ Nkran mantam mu. Esiane sɛ na efie nni bi nti, ɔde ne ho hyɛɛ nwuma bodwabodwa mu ma no kɔ baa sɛ ɔde ne ho kɔhyɛɛ dua dwofo adwuma mu sɛnea ne nsa bekɔ n’ano.

Gifty ye ɔbaa warefo a ne kunu din ne Nana Ansah Kwao IV a ɔyɛ Akwamu Adumasa hene. Gifty ne ne kunu woo ne ba a odi kan wɔ da a ɛtɔ so 11 wɔ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe, afe 2017. Wɔn ba no din ne Nyame Anuonyam. Nani gyee paa sɛ Onyankopon ayɛ no adɔe ama no ba nwanwafo, esiane sɛ na ne mfe akɔ anim.

Gifty agye abasobode pii ne abodin ahorow. Suapɔn bi a wɔfrɛ no Accra Business School de abodin maa Gifty a wato din The Fellowship of the Boardroom Institute (FBI). Ne din foforo ne Oheneyere FBI Dr. Gifty Antie.

Adesua ho nsem[sesa]

Gifty Antie hyɛɛ n’adesua ase wɔ sukuu bi wɔfrɛ no Number 1, a ɛwɔ Tema community 8. ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Mfantsiman Girls secondary school. ɔde n’adesua no baa awieɛ wɔ nsɛmkyerɛwfo ntete sukuu a wɔfrɛ no Ghana institute of Journalism.

Nnwuma[sesa]

Adwuma a Gifty dii kan nyae ne sɛ, adwumakuo GTV faa no sɛ obi a ɔhwɛ fɔm so. Adwuma a ɛfa sini twa ne TV so dwumadie ho. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ TV so dwumadifo, obi ɔtete afoforo ne obi a ɔhwɛ mma yiyedie ho. Mprenpren deɛ, Gifty ne otitenani ma adwumakuo bi a wɔfrɛ no GDA concept a wɔn adwuma ne sɛ wɔyɛ TV so dwumadie a wɔfrɛ no Stand Point.

Wɔ afe 2019 mu no, Gifty paa nhoma bi a ɔno ankasaa kyerɛwee a ne din ne A Bit Of Me. Nhomaa no tɔn duu akyi wɔ nawɔtwe baako mu ma nnipa pii nyaa bi toe wo dwadibea kese Amazon so.