Ghana Nsaneyareɛ ayaresabea

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ghana nsaneyareɛ ayaresabea yɛ beae a wosii sɛ nea ɛbɛyɛ na Ghana anya mpontuo wɔ ayarehwɛ ne nwhehwɛmu de fa nsaneyareɛ ho, wosii beae wɔ bre a yareɛ a ɛde Covid-19 yii ne ti wɔ ɔman Ghana mu no. Ghana Covid-19 ankorɛankorɛ sikafutuo ne Ghana bammɔfo a ɛne Ghana Armed Forces na ɛkaa wɔn ti boo mu sii sa beae yi a ɛwɔ Nkran atɔe fam ayarasabea. Kane Ga East Ayarasabea no nso yɛ nea wosiesie mu kama de dane no nsayareɛhwɛbea wɔ Shai Osudoku mpɛsoa so a ɛwɔ Dodowa. Eyi ne Shai Osudoku ayarehwɛbea na ɛbɔ hyeɛ . ɔmanpanyin Nana Addo Dankwa koo ho nsrahwɛ wɔ Octber da a ɛtɔ so 30, afe 2020 mu.

Abakɔsɛm[sesa]

Ghana nsaneyareɛ ayarehwɛbea yɛ ɔmanpanyin abediakyire a ne din Dr Mahamudu Bawumia na obue ano wɔ July da a ɛtɔ so 20, afe 2020. ɔde too dwa sɛ wɔde US$7.5 ɔpepem na esii beae no. Wosii no sɛ Ghana beae a anya nkoanim wɔ nsaneyareɛ ayarehwɛ mu.

Adwumakuo[sesa]

Dr. Mahamudu Bawumia de too dwa sɛ, ''Saa beae a ɛwɔ ayaresa mpa ahodoɔ 100 no yɛ nea nnipa 536 na wosii, wɔyɛɛ adwuma nnɔnhwere 24 da biara kosi sɛ wowie adwuma no. Wɔn wɔ bre wɔn mogya ani de adwumaden sii saa beae botae ne sɛ wɔbɛboa aban no ama no atumi ako atia COVID-19 wɔ Ghana.

Nkekaho[sesa]