Ghana-India Kofi Annan Centre of Excellence in ICT

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ghana-India Kofi Annan Centre of Excellence in ICT yɛ Advanced Information Technology Institute (AITI) a edi kan wɔ Ghana. Ghana aban ne India aban yɛɛ nhyehyɛe ma wɔtee saa suapɔn yi wɔ 2003.[1][2]

Suapɔn yi ne beae a edii kan nyaa supercomputer wɔ Afrika Atɔefam (West Africa). Suapɔn no betumi afa nnipa dodow bɛyɛ 1000 esaine sɛ wɔwɔ nhyiamu asa pii ne intanɛt (802.11 wireless network guarantee).[1]

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ Ɔsanaa 2002, Ghana Manpanyin Onyuonyamfo John Agyekum Kufuor kɔɔ India kodii nnanan. Ɔkɔe sɛ ɔrekɔ hwehwɛ aguadifo a wɔde wɔn sika bɛhyɛ Ghana nnwumakuw mu.

Wɔ saa nsrahwɛ no, aban abien no kaa wɔn ho bɔɔ mu sɛ wɔbɛboa ama ICT enya nkɔanim wɔ Ghana, eyi ma wɔtew Ghana-India Kofi Annan Centre of Excellence in ICT (AITI-KACE).

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 Archive copy, archived from the original on 2022-03-05, retrieved 2022-03-05{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://baobabentrepreneur.com/ghana-india-kofi-annan-centre-of-excellence/