George Kuntu Blankson

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

George Kuntu Blankson (wɔwoo no Ɔpɛpɔn da 25, afe 1957) yɛ Ghana ɔmanyɔni. Ɔyɛ kan mmrahyɛbagua no muni ma Ekumfi mantam a kan no na ɛyɛ Mfantseman Apuei Mantam no fa .

Mfitiase mfe ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Kuntu Blankson wɔ 25 Ɔbɛnem 1957 wɔ Ekumfi-Otuam, Central Region. Ɔwɔ abodin krataa wɔ Nico Lopez Sukuupɔn a ɛwɔ Cuba, a onyaa wɔ 1987 mu. Ɔsan nso nyaa adansedi krataa wɔ Nhomasua mu wɔ Las Aspin Center of Education wɔ Washington DC, U.S.A., a onyaa wɔ afe 1999.

Adwuma[sesa]

Kuntu Blankson yɛ asetra ho nyansahufo na ɔsan yɛ aguadifo. Ansa na ɔrebɛyɛ mmrahyɛbaguani wɔ Ɔpɛpɔn 2005 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam Panyin maa Mfantseman Mantam no wɔ afe 1997 kosi afe 2001 na ɔsan nso yɛ Jesus Cares Enterprises

Ankorankoro asetra[sesa]

Kuntu Blankson yɛ Kristoni, Pentekoste asɔre no muni . Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Amammui asetra[sesa]

Kuntu Blankson yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Na ɔyɛ Mfantseman East Constituency mmrahyɛbaguani wɔ Ghana Republic a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum mu bere a wɔpaw no wɔ afe 2008 Ghana amansan abatow mu akyi . Ɔnyaa abatoɔ 8,591, a ɛne 48.0% yɛ pɛ, wɔ abatoɔ 17,893 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu.[1] Albert Alex Amoah a ofi Convention People’s Party, Ekow Esirifie-Buckman a ɔyɛ independent candidate ne Kwamina Amoasi Andoh a ofi New Patriotic Party no hweree agua no maa no wɔ saa abatow no mu bere a onyaa 1.9%, 9.5% ne 39.5% wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu akyi. Ɔsan nso yɛ mmrahyɛbaguani ma Mfantseman/Ekumfi Mansin muFourth Parliament of the Fourth Republic of Ghana wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔnyaa abatoɔ a ne nyinaa yɛ 8,385 a ɛgyina hɔ ma 46.30% sene abatoɔ afoforɔ, Kwamina Amoasi- . Andoh a ɔfiri New Patriotic Party a ɔtwee abatoɔ a ne nyinaa yɛ 6,773 a ɛgyina hɔ ma 37.40% ne Charles Kojo Imbeah a ɔfiri Convention People’s Party a ɔnyaa abatoɔ 2,938 no dodoɔ a ɛgyina hɔ ma 16.20%.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 80.