George Commey Mills-Odoi

Ɛfi Wikipedia

Na Gorge Commey Mills-Odoi a wɔwoo no Ayɛwohomumɔ 29, 1916 na owuu wɔ Ɔsanaa 4, 1988 no yɛ Ghana Mmaranimfoɔ Panyin a ɔdi kan wɔ Ghana man mu. Na ɔyɛ asɛnnibea kunini temmufo ne Ghanani a odi kan a odii dibea mmienu a ɛyɛ Mmaranimfo Panyin ne Ɔmanfo Mmaranimfo sohwɛfo.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ James Town Nglesi Accra (mprempren Jamestown, Ghana) wɔ Ayɛwohomumɔ 29, 1916, N'awofoɔ ne Owura William Hudson Odoi ne Sarah Naa Oyoe Mills. Ɔno ne mmofra baakron a wɔn nyinaa yɛ mmarima no mu nea otwa toɔ.[2]

Ɔkɔɔ "Accra Royal School" firi 1923 kosi 1933, faako a odii nkonim wɔ adesuakuo a ɛto so nson sɔhwɛ mu no. Wɔgyee no kɔɔ Accra Adesuabea wɔ afe 1934 mu baabi a ɔtwaa Cambridge Sukuu Adansedie krataa a wɔayi no afiri London "Matriculation" mu koraa wɔ 1937 mu, adeyɛ a na ɛntaa nsi koraa wɔ ne nna mu. Na ɔyɛ asukufoɔ no baanodani . Na ne mmɔdenmmɔ

ne n'adwuma pa nti, sukuu no faa no sɛ ɔkyerɛkyerɛni mpo bere a na ne nsɔhwɛ ho nsunsuansoɔ nya mmaeɛ maa ɔyɛɛ adwumayɛni wɔ sukuu no mu.[3] [4]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔfirii N'adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ beaeɛ a ɔkɔɔ sukuu no wɔ afe 1937 mu. Wɔ afe 1938 mu no, ogyaee adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Accra Adesuabea no mu na ɔde ne ho kɔbɔɔ Ɔman Adwumayɛbea sɛ "Division" kyerɛwfoɔ a ɔtɔ so mmienu wɔ Mmara asennibea. Saa bere yi mu na ɔtoo fapem maa ne daakye adwumayɛ sɛ mmaranimfoɔ ne akyire yi Ɔtemmufoɔ. Wɔ afe 1947 mu no, ogyaee ɔman adwuma na ɔkɔɔ Nglesi Aburokyiman mu baabi a Ɔkɔsuaa adeɛ wɔ "Middle Temple". Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ mmaranimfoɔ adwumma no mu wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so aduonu nsia, afe 1951.[5]Ɔsan kɔɔ Ghana wɔ n’adesua akyi na wɔtwerɛɛ ne din sɛ" Barrister " ne "Solicitor " Ghana asennibea kunini no mu, Ɔbenem, 1951.[6] Ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ "Dantu Lodge", ne wɔfase, Owura G. A. Heward-Mills dan mu wɔ Kumasi ne Owura Samuel Azu Crabbe (a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ghana Ɔtemmufo Panyin a ɔto so 5) . Akyire yi Owura Azu-Crabbe firii adan no mu na George dii adan no anim bosome nkron kosii sɛ ne wɔfase fi Nglesi Aborokyirman mu san bae. Ɛno akyiri no, ɔhyehyɛɛ n’ankasa adan- "Tron Chambers". Ankyɛ na ɔkyekyeree adwumayɛbea kɛseɛ bi a ɛma wonya sika pii wɔ Kumasi ne Ashanti Mantam no nyinaa mu. Ɔbaa Aban no anim ntɛm ara na wɔpaw no sɛ Shai Ahensɛm ho mansotwe no titenani wɔ afe 1958.[7]

Efiri afe 1958 kosi afe 1959 no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Ghana Sikakorabea " GCB" no sohwɛfoɔ ne "Ghana Life Assurance" adwumakuo no sohwɛo.; Na ɔhyɛ Mmaranimfoɔ Panyin Geoffrey Bring Q.C wɔ "Granville Sharp Commission of Inquiry" a wɔyɛɛ no ​​Accra firi afe 1959 kɔsi afe 1960 na wɔ Ɔpɛpɔn 1960 mu no wɔpaw no sɛ Ɔtemmufoɔ wɔ " High Court of Ghana".[8]Saa afe no ara mu no, ɔbɛyɛɛ Ghanani a odi kan a wɔpaw no sɛ onni dibea abien a ɛne Mmaranimfo Panyin ne Amansan Mmaranimfoɔ sohwɛfo.[9][10] [11]Wɔ afe 1961 mu no ɔbɛyɛɛ Ghanani a odi kan a wɔpaw no sɛ Mmaranimfoɔ Panin wɔ Adehyema Ghana.[12] Ɔsomm wɔ saa dibea no mu kosii afe 1962. Na ɔyɛ Boayikuo a ɔman no paw wɔn sɛ wɔnhwehwɛ Ɔman Asomfoɔ a wɔwɔ Ɔman a Edi Kan no agyapade mu wɔ 1961 mu no mu ni.[13] Ɔsan nso yɛɛ Mmara Nkyerɛkyerɛ Bagua no muni fi 1961 kosi 1966. Wɔ 1962 mu no, na ɔyɛ obi a Aban ayi no sɛ ɔntwerɛ Apam kɛseɛ a ɛfa Volta Asubɔnten Dwumadie no ho. Wɔpaw no sɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no Temmufo na ɔyɛɛ saa dibea no firii afe 1962 kosii sɛ wotuu Kwame Nkrumah aban no gui wɔ afe 1966. Na ɔyɛ Ghana Mmara badwa no muni fi afe 1964 kosi afe 1966 na wɔpaw no sɛ Ghana Ɔtemmufoɔ Panin a ɔreyɛ adwuma wɔ 1965 mu.[14][15]Wɔpaw no sɛ Ghana Asraafoɔ Temmufoɔ Panin firi afe 1966 kɔsi afe 1982. Wɔ afe 1967 mu no na ɔyɛ Boayikuo a ɛhwehwɛ Ghana Ɔmanfoɔ Nnwuma nhyehyɛeɛ ne akatua mu no Titenani a nnipa pii frɛ no MILLS-ODOI boayikuw.[16] [17][18]a ɔsan nso yɛɛ asoeɛ a ɛhwɛ akatua sɛ so no Titenani fi 1967 kosi 1968.Ɔsan nso yɛɛ Accra Anglikan Asɔre no baanodani fi 1972 kosi 1988. Wɔ afe 1979 mu no ɔbɛyɛɛ "Ghana Italy Petroleum company (GHAIP") a seesei ɛyɛ "Tema Refinery" no akwankyerɛfoɔ no nyinaa baanodani.[19]

Amanhodoɔ so Dwumadie[sesa]

Ɔsom sɛ Owura Dingle Foot Q.C. Mmaranimfo Kumaa, a ɔyɛɛ nsɛm tiawa maa Oduruyɛfoɔ Hastings Banda (Malawi manpanin) wɔ "Devlin Commission of Inquiry" wɔ Southern Rhodesia (mprempren Zimbabwe) fi 1958 kosi 1959.[20]

Na ɔyɛ boayikuo bi a nnipa mmeɛnsa na wɔwom no mu ni ( ɔne T. S. Fernando a saa bere no na ɔyɛ Ceylon Asɛnnibea Kunini no temmufoɔ, ne Adel Younis a saa bere no na ɔyɛ United Arab Republic Asɛnnibea a ɛhwɛ nsɛm So no temmufoɔ na akyiri yi ɔyɛɛ Egypt Atɛntrenee Soafo) a saa bere no Ceylon Aban (mprempren Sri Lanka) paw no wɔ 1963 mu sɛ ɔnhwehwɛ nsɛm a ɛfa Ɔmanpanin S. W. R. D. Bandaranaike kum ho.[21][22]

Wɔ afe 1970 mu no, ɔno ne Ghanani a odi kan a Trinidad ne Tobago Aban paw no sɛ ɔnyɛ Ɔtemmufo Mmaranimfo wɔ asraafo asɛnnibea ahorow abiɛsa a ɛsono emu biara a wɔde bedi atuatewfo a wɔwɔ Trinidad ne Tobago Bammɔ Asraafo mu no asɛm[23] [24][25][26]

Agodie[sesa]

Na ɔyɛ bɔɔlbɔfo a ne ho akokwa wɔ ne mmeranteberem. Ɔdii agorɔ maa Energetics Bɔɔlbɔ Kuo wɔ afe 1934 mu ne Accra Standfast firi afe 1935 kɔsi afe 1947. Wɔ afe 1935 ne 1937 mu no, ɔdii agorɔ maa ɔman no ne Nigeria. Akyiri yi wɔpaw no sɛ Asante Kotoko Bɔɔlbɔ Kuw no bɔɔlbɔ kyerɛkyerɛfo fi 1951 kosi 1952. Ɔsan nso nyaa apɔnkɔ mmirikatu ho anigye kɛse.[27] ɔbɛyɛɛ Mmara ho Ɔfotufoɔ wɔ Apɔnkɔ Mmirikatuo Boayikuo a ɛhwɛ so firi afe 1961 kɔsi afe 1963. Efi afe 1963 kɔsi afe 1965 no, na ɔyɛ Ghana Bɔɔlbɔ Kuo no Nteɛsoɔ Boayikuo no Titenani, na ɛfiri afe 1966 kɔsi afe 1968 no, na ɔyɛ Ghana Agumadiɛ Badwa no Titenani . Wɔ afe 1972 mu no, na ɔyɛ Ghana Olimpik Boayikuw no muni. Saa afe no ara mu no, ɔbɛyɛɛ Olimpik ne Amannɔne Sikakorabea Boayikuw no Titenani.[28][29]

Abrabɔ[sesa]

Na Mills-Odoi yɛ Kristoni a na ɔyɛ Anglikan asɔreba. Ɔwaree Rebecca Mills-Odoi na wɔboom woo mma du. [30]

Owuo[sesa]

N'akwahosan tebea sɛee wɔ ne mfeɛ kakra a etwa to no mu. Owui wɔ 37 Asraafo Ayaresabea Dwoada Ɔsanaa 4, 1988 anɔpa bere a na wadi mfe 72.[31]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  2. Ghana Year Book (in English), Graphic Corporation, 1966, retrieved 2023-05-11
  3. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  4. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  5. Ghana Year Book (in English), Graphic Corporation, 1966, retrieved 2023-05-11
  6. Ghana Year Book (in English), Graphic Corporation, 1966, retrieved 2023-05-11
  7. Ghana Year Book (in English), Daily Graphic, 1966, retrieved 2023-05-11
  8. Ghana Year Book (in English), Daily Graphic, 1966, retrieved 2023-05-11
  9. Austin Amissah (1981), The Contribution of the Courts to Government: A West African View (in English), Clarendon Press, ISBN 978-0-19-825356-3, retrieved 2023-05-11
  10. Ghana Year Book (in English), Daily Graphic, 1966, retrieved 2023-05-11
  11. Ghana Year Book (in English), Graphic Corporation, 1966, retrieved 2023-05-11
  12. Austin Amissah (1981), The Contribution of the Courts to Government: A West African View (in English), Clarendon Press, ISBN 978-0-19-825356-3, retrieved 2023-05-11
  13. "Obed Asamoah", Wikipedia (in English), 2023-04-25, retrieved 2023-05-11
  14. Ghana (1965), Executive Instruments (in English), Ghana Publishing Company, retrieved 2023-05-11
  15. Ghana (1965), Executive Instruments (in English), Ghana Publishing Company, retrieved 2023-05-11
  16. Ghana (1965), Executive Instruments (in English), Ghana Publishing Company, retrieved 2023-05-11
  17. "George Commey Mills-Odoi", Wikipedia (in English), 2023-05-08, retrieved 2023-05-11
  18. Alan H. Gelb, John B. Knight (1988), Lewis Through a Looking Glass: Public Sector Employment, Rent-seeking, and Economic Growth (in English), World Bank Publications, retrieved 2023-05-11
  19. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  20. "ISBN", Wikipedia (in English), 2023-05-10, retrieved 2023-05-11
  21. Ceylon Pārlimēntuva (1965), Ceylon Sessional Papers (in English), Government Press, retrieved 2023-05-11
  22. A. C. Alles (1979), Famous Criminal Cases of Sri Lanka: The Bandaramaike assassination case (in English), retrieved 2023-05-11
  23. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  24. Trinidad and Tobago High Court of Justice (1966), Reports of Judgments of the High Court of Justice and the Court of Appeal of Trinidad and Tobago and of the Privy Council in England (in English), Government Printery., retrieved 2023-05-11
  25. H. B. Momoh (2000), The Nigerian Civil War, 1967-1970: History and Reminiscences (in English), Sam Bookman Publishers, ISBN 978-978-2165-96-1, retrieved 2023-05-11
  26. James Edward Leflore (1974), An Analysis of a Third World Slum Settlement: A Case Study of Urbanism in Trinidad (in English), Syracuse University, retrieved 2023-05-11
  27. James Edward Leflore (1974), An Analysis of a Third World Slum Settlement: A Case Study of Urbanism in Trinidad (in English), Syracuse University, retrieved 2023-05-11
  28. I. K. Nkrumah (1976-06-10), Daily Graphic: Issue 7975 June 10 1976 (in English), Graphic Communications Group, retrieved 2023-05-11
  29. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  30. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  31. http://justice-millsodoi.memory-of.com/About.aspx, retrieved 2023-05-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)