Jump to content

Gardenia tenuifolia

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gardenia
taxon
taxon nameGardenia Sesa
taxon rankgenus Sesa
parent taxonRubiaceae Sesa
taxonomic typeGardenia jasminoides Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomygenus.aspx?id=4843 Sesa

Gardenia yɛ nhwiren afifideɛ wɔ kɔfe abusua no mu,Rubiaceae, a ɛwɔ Afrika mmeaeɛ a nsuo tɔ na awia nso bɔ,Asia,Madagascar,Pacific Islands,ne Australia.[1]

Carl linnaeus ne John Ellis na wɔtoo dua yi din, na wɔde too aboɔdeɛ ho benfoɔ bi a wɔfrɛ no Alexander Garden(1730-1791),a ɔyɛ Scotishni.[2]

Nkyerɛkyerɛmu

[sesa]

Gardenias yɛ nhabanmono nketenkete anaa nnua nketewa a ne nyini no kɔduru mita baako de kɔsi du nnum(na ne tenten no yɛ anamɔn mmiɛnsa kɔsi aduanan nkron.N’ahaban no ahyehyɛ hyia ne yɔnko anaa sɛ nkuruwankuruwa mmiɛnsa anaa nnan,a ne tenten no yɛ sɛntimita nnum kɔsi aduɔnum(a ɛwɔ mu mmienu kɔsi aduonu) na ne kɛseɛ no nso yɛ sɛntimita mmiɛnsa kɔsi aduɔnu num(a ɛwɔ mu baako kɔsi du).N’ahaban no yɛ ahabanmono ankasa a ɛte yerem na ɛmu yɛ duru nso.

Sɛdeɛ ne nhwiren no ahyehyɛ no,ɛyɛ ankonam anaa sɛ ahyehyɛ nkakrankakra.N’ahosuo no hyehyɛ firi fitaa,anaa akokɔsradeɛ,a corolla no ayɛ sɛ pono na ɛwɔ nhoma nnum kɔsi du mmienu(5-12 lobes)na ne petals no nso yɛ sɛntimita nnum kɔsi du mmienu(5-12cm)(na ne ntrɛmu yɛ mmienu kɔsi nnum).Gardenia mhwiren ne nnua ahodoɔ binom wɔ panpan a ano yɛ den pa ara.

Ne Dua Ne Dwuma A Ɛyɛ

[sesa]

Wɔagye ato mu sɛ Gardenia nnua na ɛwɔ nhwiren a ɛyɛ hwam pa ara,na nnua binom mu no,ɛtumi yɛ kɛse pa ara.

Wɔdua Gardenia jasminoides sɛ efie dua.Na ɛyɛ den ma saa nnua yi sɛ wɔbɛnyini ɛfiri sɛ ne faribae pa ara ne beaeɛ a ɛhɔ yɛ hye kakra.Ɛhia hyew pa ara ansa na atumi anyini,ne hann(nanso ɛnyɛ awia ankasa).Ɛnyini pa ara wɔ anwea a nsuden wɔ mu a ɛtumi sɔne kama ne hyew bɛyɛ aduonu kɔsi aduonu mmiɛnsa wɔ anɔpa kɔ awia no (68-73 F)[3]na anwummerɛ nso ɛhia hyew bɛyɛ(59-61 F).

Sɛ wokɔ Asia apue fam a wɔfrɛ Gardenia jasminoodes zhizi wɔ China,chija wɔ Korea,ne kuchinashi wɔ Japan.Wɔde n'aduaba no yɛ ahosuo a ɛyɛ akokɔsradeɛ,a wɔde yɛ ntoma ne nnuane(a Korea mung bean jelly a wɔfrɛ no hwangpomuk ka ho).Wɔsan de n’aduaba no yɛ Chinese abibiduro a wɔde popa,dwodwo,na ɛma nneɛma kɔ fam.[4]

France,gardenias yɛ nhwiren a sɛ ɛduru anwunmmerɛ a mmarima na ɛhyɛ no sɛ boutonnière.Wɔ Age of Innocence mu no,Edith Wharton susuu sɛ ɛyɛ amammerɛ ma mmarima a wɔn diberɛ kɔ anim a wɔfiri New York aburokyiman mu sɛ wɔnhyɛ gardenia nfa nyɛ tokuro ketewa bi wɔ wɔn ntadeɛ no mu berɛ a na mpuntu dwuma rekɔ so no.

Sigmund Freud di adanseɛ sɛ na anwensɛm twerɛfoɔ H.D pɛ gardenia nhwiren pa ara.

Mfonini

[sesa]
Gardenia brighamii
Gardenia jasminoides 'Plena'



Gardenia jasminoidesl 'Radicans'
* Pollen grains of Gardenia gummifera **




Gardenia thunbergia by Edith Struben (1868-1936)
Blooming stages of gardenia flower (2 of 6)



Gardenia volkensii flower



















Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. C.F. Puttock (1988), "A Revision of Gardenia Ellis (rubiaceae) from North-Eastern Queensland", Austrobaileya, vol. 2, no. 5, pp. 433–449, ISSN 0155-4131, retrieved 2024-07-16
  2. https://www.semanticscholar.org/paper/LXXXII.-An-account-of-the-plants-Halesia-and-In-a-Ellis/1769519ef1af1a7db2ac99c2961451cf3b1543ff, retrieved 2024-07-16 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. Gardenia Care, 2009-01-25, archived from the original on 2009-01-25, retrieved 2024-07-16
  4. Zhi Zi (Gardenia, Cape Jasmine Fruit), Fructus Gardeniae Jasminoidis - Chinese Herb, 2011-09-03, archived from the original on 2011-09-03, retrieved 2024-07-16