Gaana Frankaa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Afe apem aha nkron aduonum- nson (1957) na ɔyɛɛ ɔman Ghana frankaa na ɔhim no saa kɔsii afe apem aha nkron aduonsia mmienu (1962), ɛna ɔsan de baa afe apem aha nkron aduonsia nsia (1966). Pan-African ahosuo, kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ ne ahabanmono na ɔde yɛeɛ, a nsuroma tuntum da sika kɔkɔɔ no mfimfini. Ghana frankaa no yɛ frankaa ɛtɔ so mmienu wɔ Abibiman mu a ɔhwɛɛ Ethiopia man frankaa so de yɛeɛ. Guinea-Bissau foɔ hwɛ frankaa no so de yɛɛ wɔn deɛ wɔ afe apem aha nkron aduonson mmiɛnsa (1973). Theodosia Okoh a ɔtena ase firi afe apem aha aduonummienu kɔsii afe apem aduonu ne dunum (1922–2015) na hyehyɛɛ Ghana frankaa no .[1][2]

Kɔkɔɔ no gyina hɔ ma mogya a wɔ hwie gu mmerɛ a ɔman no pere fahodie afiri "Great Britain" hɔ, sika kɔkɔɔ no gyina hɔ ma ɔman no ahonyadeɛ, ahabanmono no nso gyina hɔ ma ɔman kwaeɛ ne abɔdeɛ ahonya ɛna nsoroma tuntum no gyina wɔ Abibiman fahodie.[3][4] Nsoroma tuntum no firi Black Star Line mu, ɛyɛ suhyɛn kabom kuo bia ɛwɔ Marcus Garvey a ɛdi dwuma firi afe apem aha nkron dunkron kɔsi afe apem aha nkron aduonu mmienu.[5]Ɛhɔ na Ghana national football team nyaa wɔn din a obiara nim, "Black Stars" firii.

Ɔman frankaa[sesa]

Wɔ nhyehyeɛ a ɛwɔ "section 183 of Ghana's Merchant Shipping Act of 1963", Temanmufoɔ frankaa no yɛ frankaa kɔkɔɔ a ɔman no frankaa da mu. Wɔ afe mpem mmienu ne mmiɛnsa mu, ɔhyɛɛ mmara foforɔ mma suhyɛn adwadifoɔ de kyere sɛ, "ɔman Ghana frankaa" no na yɛ ɔman ahosuo a ɛfata sɛ ɛfam Ghana suhyɛn bia ho.

W'anka frankaa ahodoɔ anaa foforɔ biara ho asem.

Pusu asrafoɔ frankaa no yɛ St. George's Cross kɔkɔɔ a ɛda frankaa fitaa mu, a ɔman frankaa da nykɛn.

Wiem asrafoɔ frankaa ne wiem temanmufoɔ frankaa[sesa]

  1. "Mrs Theodosia Okoh: The Woman Who Designed The Ghanaian Flag", African Celebs.
  2. Mrs. Theodosia Salome Okoh Profile at GhanaWeb.
  3. "Flag of Ghana: The Meaning of the Flag", GhanaWeb.
  4. "Theodosia Salome Okoh, Ghana’s Illustrious Daughter", Flex Newspaper, 29 January 2017.
  5. Nhwɛsoɔ:Cite conference