Florence Dolphyne

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Florence Abena Dolphyne yɛ ɔbenfo a wɔwoo no wɔ afe 1938 mu. Ɔno ne ɔbaa a ɔdii kan nyaa Prɔfɛsa abodin[1] ne ɔbaa a ɔdii kan bɛyɛɛ pro-vice chancellor wɔ University of Ghana.[2]

Beaeɛ a ɔfiri[sesa]

Florence Dolphyne firi Akyinakrom a ɛwɔ Ejisu-Juaben Mansin mu wɔ Asante Mantam mu.[2]

Ne Nhomasua ho nsɛm[sesa]

Florence Dolphyne nyaa ne ntoasoɔ sukuu adesua wɔ Wesley Girls Senior High School a ɛwɔ Cape Coast (Oguaa).[2] Ɔkɔtoaa n'adesua so wɔ University of Ghana de nyaa BA(Hons) degree abasobɔ wɔ Kasasua (linguistics) wɔ afe 1961 mu.[3]

N'adwumayɛ[sesa]

Florence Dolphyne yɛ suapɔn mu kyerɛkyerɛni (Lecturer) ne nhwehwɛmufoɔ.[4]

Deɛ watumi ayɛ[sesa]

Florence Dolphyne ne ɔbaa a ɔdii kan bɛyɛɛ pro-vice chancellor wɔ University of Ghana mu.[2]

  1. {{cite book}}: Empty citation (help)
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 {{cite web}}: Empty citation (help)
  3. https://www.ug.edu.gh/news/professor-dolphyne-honoured-her-80th-birthday
  4. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/prof-dolphyne-honoured-for-dedicated-service.html