Florence Dadson

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Florence Dadson (wɔwoo no 23 Ayɛwohomumɔ 1992) yɛ Ghanani ɔbaa bɔɔlbɔni, a mprempren ɔbɔ ma Gulf Coast Texans wɔ Amerika.

Club adwuma[sesa]

Dadson hyɛɛ n’adwuma ase wɔ Academy of Christ the King na ɔde ne ho bɔɔ Ghatel Ladies Cape Coast bere a na wadi mfe dumiɛnsa.[1] Ɔfirii ne kurom Ghana wɔ September 2011 mu berɛ a ɔnyaa kwan kɔɔ Robert Morris Suapɔn [2] wɔ Illinois sɛ ɔrekɔtoa ne mfitiaseɛ adesua wɔ Business Administration – Majoring in Tourism Studies mu. Ɔne Ghana kuw no mufo Olivia Amoako ne Linda Eshun bɔɔ bɔɔl maa RMU .

Bere a owiee Robert Morris Sukuupɔn wɔ afe 2014 Ahohuru Bere mu no, ɔde ne ho kɔbɔɔ W-League kuw Gulf Coast Texans .

Amanaman ntam adwuma[sesa]

Dadson dii agorɔ sɛ forward na wagyina ne man ananmu wɔ U-17 ne U-20 levels nyinaa mu. Dadson bɔɔ bɔɔl maa Ghana wɔ afe 2008 FIFA U-17 Mmea Wiase Kupɔn ne 2012 FIFA U-20 Mmea Wiase Kupɔn . Ogyina Black Queens kuw a wɔatrɛw mu no nso mu .

Ankorankoro asetra[sesa]

Dadson waree Ghana amanaman ntam bɔɔlbɔfoɔ David Accam wɔ 3 Ɔbɛnem 2019 wɔ Cape Coast, Ghana.

Nidi a wɔde ma[sesa]

Ghana[sesa]

Afrika Mmea Kuruwa a Wɔde Di Dwuma : Nea ɛto so abiɛsa 2016

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Florence Dadson: I Call Neymar My Husband
  2. Florence Dadson – RMU – Robert Morris University