Jump to content

Fishing Industry in Ghana

Ɛfi Wikipedia
Fishing vessels at Cape Coast.
Fish seller in Vendor at Nyakrom fish market in Agona District.

Mpataayi wɔ Ghana yɛ mpataa a wɔkyere wɔn firi po mu ne ɔtare ne nsubɔnten mu.[1]

Abakwasɛm

[sesa]

Mpataayi adwuma no kɔ soro kɛseɛ wɔ afe apem ahankron ne aduosia (1960) awieiɛ, ɛfiri po mu mpataa tɔn 105,100 a wɔkyeree wɔ afe apem ahankron ne aduosia nson (1967) mu pagya kɔduu tɔn 230,100 wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1971) mu.[1] Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu (1982) mu no, wɔnyaa mpataa a na ɛyɛ tɔn 234,100, na na po mu mpataa ahodoɔ no yɛ tɔn 199,100 ɛna nsuo Ɔtare mu mpataa nso yɛ tɔn 35,000.Ɔhaw baa adwuma no mu ɛnam fangoo a ɛho bɛyɛɛ den, mmeae a wɔkora nnoɔma a ɛnyɛ papa, ne sikasɛm mu nsɛnnennen a ɛbae wɔ afe apem ahankron ne aduoson (1970 ) ne afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980) no mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu no, mpataa a wɔkyeree no yɛ tɔn 302,900. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako (1991) mu no, na wɔkyeree tɔn 289,675, na ɛso ɛtee bɛboro tɔn 319,000 wɔ afe apem ahankron ne aduokron (1990) mu.

Mpataayi ahodoɔ

[sesa]
A tilapia culturing cage on the Volta Lake.
  • Mfidie dwuma mpataayie
  • Po so Adwinni mpataayi
  • Inland Canoe Mpataayi[2]

Mfidie nnwuma ne nsaano nnwumayɛfoɔ a wɔyi mpataa yɛ adwuma wɔ po mu.

Nsaano nnwuma a ɛfa mpataayi ho yɛ adwuma a nnipa dodoɔ anaa ankorankora biara tumi yɛ.

Ghana beaeɛ titiri a wɔtaa yi mpataa yɛ Ɔtare Volta.[3]

Tumi a ɛwɔ mmoa a wɔyɛn wɔn wɔ nsuo mu wɔ Ghana ha ho hia paa, deɛ wobuu ho nkontaa sɛ wɔyɛ ankasa no duu bɛyɛ tɔn 9,000 titiri berɛ a Tilapia a wɔyɛeɛ no.[4][5]

Tumi a ɛwɔ tilapia yɛn mu no gu so rekɔ n'anim nkakrankakra.

Mpotam a wɔyɛ mpataa adwuma

[sesa]

Mpataayi mpɔtam bi a ɛwɔ Apuei Mantam no bi ne:

  • Sumuner
  • Odortorm
  • Petefour
  • Odomeabra
  • Nketepa
  • Nrahponya
  • Adakope
  • Adakope
  • Troameleveme
  • Gonyokope
  • Agaradzi
  • Abuakwa
  • Kwahu East

Saa mpɔtam yi de wɔn ho to mpataa so kɛse de nya wɔn agyapadeɛ, sika ne deɛ wɔbɛdi.[6]

Asase a ɛwɔ Ghana a wɔyi so mpataa

[sesa]
  • Lake Volta
  • Bosomtwi
  • Weija
  • Barekese
  • Tano
  • Oti
  • Afram
  • Bortianor (Tsokome)
  • Faana Village Beach
  • Oshie
  • Korkrobite
  • Pra
  • Densu
  • Vea
  • Kpong[7]

Mmoa a Mpataayi de boa Ghana Sikasɛm

[sesa]

Ɔman  mu mpataayie adwuma no di dwuma titire a ɛboa ma ɔman no sikasɛm kɔ n'anim wɔ adwumayɛ mu, asetena mu mmoa, ohia a ɛso ate, aduane a wɔbɛnya, amannɔne sika a wɔnya ne nnoɔma a wɔde bɛtena hɔ daa. Wɔbu nkontaa sɛ adwumakuo no de ɔha mu nkyekyɛmu mmiɛnsa (3) boa GDP mu ɛnna GDP a kuayɔ mu nso no ɔha nkyekyɛmu num (5) de boa GDP. Ɔman no mu nnipa bɛyɛ ɔha nkyemkyɛmu du (10) de wɔn ho hyɛ mpataayi adwuma ahodoɔ no mu.

Daakye Nhyehyɛeɛ Ma Ghana Mpataayie Nnwuma

[sesa]

Ghana ɔmanpanyin a ɔte so seesei, Nana Akuffo Addo, hyehyɛɛ mpataayie ne kuayɛ nkɔsoɔ adwuma wɔ Ghana. Wɔ Oforisuo bosom da a ɛtɔ so nkron mfe mpem mmienu ne dunwɔtwe (9th of April 2018) no, mprempren Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Mpataayi adwuma so wɔ Ghana, Francis Kinsley Ato Cudjoe, de too dwa sɛ “Efie baako, tank baako” nhyehyɛeɛ no  bɛhyɛ aseɛ adi dwuma wɔ Kotonimaa (May) bosom no mu. Yie nti no, ɛsɛ sɛ efie biara nya mpataa ahina baako.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1.0 1.1 Clark, Nancy L. "Agriculture" (and subchapters). A Country Study: Ghana (La Verle Berry, editor). Library of Congress Federal Research Division (November 1994). This article incorporates text from this source, which is in the public domain.[1] This reference is used 13 times on this page.
  2. Krynock, Alicia. "Ghana Fishing". Dateline Ghana. Archived from the original on 21 April 2018. Retrieved 20 April 2018.
  3. Fisheries". Ministry of Food & Agriculture. 13 March 2011. Retrieved 20 April 2018.
  4. "Fisheries". Ministry of Food and Agriculture. Retrieved 23 April 2018.
  5. Aryeetey Tetteh, Kennedy (9 April 2018). ""Aquaculture for Food and Jobs" to be launched in May - Business & Financial Times Online". Business & Financial Times Online. Retrieved 24 April 2018.
  6. "FAO Fisheries & Aquaculture - Country Profile". www.fao.org. Retrieved 24 April 2018.
  7. "FAO Fisheries & Aquaculture - Country Profile". www.fao.org. Retrieved 24 April 2018.