Feyiase O
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Feyiase yɛ kuro wɔ Asante mantam mu,Ghana, a ɛwɔ ɛnnɛ yi Bosomtwe mansini mu.Ɛbɛyɛɛ kuro a abakɔsɛm taa akyire ɛsiane ɔko kɛseɛ a ɛkɔɔ so wɔ Asantefoɔ ne Denkyirafoɔ no nti.Na saa kuro no na ntɔkwa no kɔɔ so a Asantefoɔ ko di Denkyirafoɔ so wɔ wɔn hene Ntim Gyakari berɛ so.
Ɔko No Abakɔsɛm
[sesa]Feyiase abakɔsɛm no abɛyɛ nsɛnnahɔ bi wɔ Abibirem atɔeɛ fam. Saa abakɔsɛm yi na ɛda ɔko a ɛsii Feyiase wɔ afe 1701 mu a saa ɔko yi na ɛmaa Asante bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ na Denkyira ahennie no nso baa fam koraa.[1]
Ansa na ɔko no bɛsi no, na Denkyrira hene Ntim Gyakari adwene yɛɛ no sɛ ne nan si gyinae pa wɔ ɔko no mu, ɛsiane sɛ na wate Asantefo no afiri Adunku, Aboɔntɛm ne Aputuogya ho.[2]Nanso sɛɛ na wei yɛ nnɛdɛɛ a na Osei Tutu I nam so pɛ sɛ ɔde to hyɛ Denkyirafo asrafo no so wɔ Feyiase.[3]Na ɔko no yɛ nea asi wɔ Asantefo ne Denkyirafo ntam.[4][5] Ɔko no ankɔyɛ honam mu ko nko ara na mmom na honhom mu nso ka ho. Okomfo Anokye a na ɔwɔ Asanteman mu no boaa Asantefoɔ yie wɔ honhom fam. Na ɛno na ɛtumi maa Asantefoɔ tumi dii Denkyirafoɔ so no.
Asantefoɔ asraafo ahoɔdenfoɔ no to hyɛɛ Denkyirafoɔ asraafoɔ so wɔ Feyiase kunkum wɔn pasaa.[6]Nnipa a wɔfiri Dunku a wɔyɛ Asantefoɔ no kum Ntim Gyakari wɔ Feyiase na wei maa tumi a na Denkyirafoɔ wɔ no ano baa awieeɛ wɔ Feyiase Akoyem.[7] Na faako a ɔko no baa awieeɛ ne ɛnnɛ yi Ɛsereso no.[8]
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Battle of Feyiase: The rise of the Ashanti Empire (in English), retrieved 2025-07-17
- ↑ Battle of Feyiase (in English), retrieved 2025-07-17
- ↑ Siliconson (2024-06-13), Denkyira & Ashanti War in Twi (Part 1) | Siliconson |, retrieved 2025-07-17
- ↑ Henry Kwadwo Amoako (2021-10-05), The Battle of Feyiase: Rituals Performed by Okomfo Anokye in The Heat of The Battle (in American English), retrieved 2025-07-17
- ↑ History of Africa Podcast: S3E5: The Ashanti Empire is Born at Feyiase, 2021-09-27, retrieved 2025-07-17
- ↑ Oheneba Media (2021-11-21), MUST LISTEN: Powerful History Of Feyiase A Town In Asante Kingdom Narrated By Nana Addae Gyamera..., retrieved 2025-07-17
- ↑ History of Africa Podcast: S3E5: The Ashanti Empire is Born at Feyiase, 2021-09-27, retrieved 2025-07-17
- ↑ Battle of Feyiase | PDF | Ghana (in English), retrieved 2025-07-17