Felix Owusu-Adjapong

Ɛfi Wikipedia

Felix Owusu-Adjapong yɛ Ghanani amanyɔni a wɔwoo no Ɔgyefuo 13, afe apem ahankron aduanan-nan no mu. Ɔdii dwuma sɛ mmarahyɛbadwani maa New patriotic party, Ɔsono Amanyɔkuo no wɔ Akyem Swedru abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam no mu wɔ Ghana.[1] Ɔsane dii dwuma sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ ahoɔden mu nsɛm so. Bio nso, na ɔyɛ daanodini New patriotic party, Ɔsono Amanyɔkuo no.[2][3]

N'abrabɔ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Felix Owusu-Adjapong suaa Land Economy wɔ Kwame Nkrumah suapɔn a ɛwɔ Kumase no mu. Ɔsane gyee nteteɛ wɔ Adansie ne adansɛm mu wɔ Bouwcentrum Institute a ɛwɔ Rotterdam, ɛnna ɔsan suaa Urban Land Appraisal wɔ University of Reading a ɛwɔ England no mu. Afei, ɔsane kɔsuaa mmara wɔ Ghana School of Law mu.[4]

N'adwuma sɛ amanyɔni[sesa]

Owusu-Adjapong somm sɛ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nan no muni wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.[5] Ɔno ne mmarahyɛbadwani a wɔdii kan too aba maa no wɔ Akyem Swedru abatoɔ mpasua no mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nsia ɔman abatoɔ no mu. Ɔnyaa mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu mpem num, ahanwɔtwe ne aduonu-nan a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-num akyiripɔ aduasa wɔ saa afe abatoɔ no mu.[6][7] Wɔsane too aba maa no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ mfeɛ mpenu ɔman abatoɔ no mu berɛ a ɔnyaa mma mpem dunan, ahansia ne dunan a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduonum-nsia akyiripɔ aduowɔtwe.[8][9]

Ɔgyefuo bosome no mu wɔ mfeɛ mpenu ne baako mu no, wɔyii no sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Akwantuo ne Nkitahodie so,[10] ɛnna Oforisuo bosome no mu wɔ mfeɛ mpenu ne mmiɛnsa mu nso, wɔyii no sɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ mmarahyɛbadwa ho nsɛm so.[11]

Mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no mu nso, wɔtoo aba yii no sɛ mmarahyɛbadwani berɛ a ɔnyaa mma no mu mpem aduonu-baako ne aduanan-nwɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduosia-nsia akyiripɔ aduokron-nan wɔ saa abatoɔ no mu.[12][13][14] Mfeɛ mpenu ne nson mu hɔ no, ɔde n'adwuma sɛ ɔsoafoɔ no too hɔ kɔperee ɔmampanin dibea wɔ New patriotic party, Ɔsono Amanyɔkuo no mu nanso anyɛ yie.[15] Wantumi annyina sɛ mmarahyɛbadwani wɔ mfeɛ mpenu ne nwɔtwe abatoɔ nu mu bio maa Joseph Ampomah Bosompem gyinaa n'anan mu dii nkunim maa New patriotic party, Ɔsono Amanyɔkuo no berɛ a ɔnyaa abatoɔ no mu mpen nwɔtwe, ahanan aduosia-nkron.[16] Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ mfeɛ mpenu ne nwɔtwe mu no, wɔyii no sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ ahoɔden mu nsɛm so, [17] Ɔdii saa dwuma yi ara kɔsii sɛ kuffour aban no baa awieeɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ mfeɛ mpenu ne nwɔtwe mu.

Parliament of Ghana
Preceded by

Paul Kofi Peprah

Member of Parliament for Akyem Swedru1997 – 2009 Succeeded by

Joseph Ampomah Bosompem

Preceded by

?

Majority Leader2005 – 2008 Succeeded by

Abraham Ossei Aidooh

Political offices
Preceded by

Edward Salia

Minister for Roads and Transport

Minister for Transport and Communications2001 – 2003 Succeeded by

Richard Winfred Anane

Minister for Roads, Highways and Transport

Preceded by

Ekwow Spio-Garbrah

Minister for Communications

Succeeded by

Albert Kan Dapaah

Minister for Communications and Technology

Preceded by

?

Minister for Parliamentary Affairs2003 – 2007 Succeeded by

Abraham Ossei Aidooh

Preceded by

Joseph Kofi Adda

Minister for Energy2008 – 2009 Succeeded by

Joe Oteng-Adjei

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Owusu Adjapong's Christmas message (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Daily Guide Africa, Felix Owusu-Adjapong Marks 70th Birthday | News Ghana (in American English), retrieved 2022-09-02
  3. Reject 'executive team' list - Owusu-Adjapong urges NPP delegates (in English), retrieved 2022-09-02
  4. F.K. Owusu-Adjapong, 2011-07-23, archived from the original on 2011-07-23, retrieved 2022-09-02{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  5. Peace FM Online, Press Release by Hon. Felix Owusu Adjapong, retrieved 2022-09-02
  6. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Akim Swedru Constituency, retrieved 2022-09-02
  7. "Felix Owusu-Adjapong", Wikipedia (in English), 2022-05-05, retrieved 2022-09-02
  8. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-02
  9. Wayback Machine, 2008-07-31, archived from the original on 2008-07-31, retrieved 2022-09-02{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  10. Kufuor swears in four more ministers (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  11. Government names new Cabinet (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  12. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-02
  13. "Felix Owusu-Adjapong", Wikipedia (in English), 2022-05-05, retrieved 2022-09-02
  14. Wayback Machine (PDF), 2011-01-12, archived from the original on 2011-01-12, retrieved 2022-09-02{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  15. Felix Owusu-Adjapong files tomorrow (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  16. Parliamentary Results Akyem Swedru (Eastern Region), retrieved 2022-09-02
  17. "Felix Owusu-Adjapong", Wikipedia (in English), 2022-05-05, retrieved 2022-09-02