Evelyn Amarteifio

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɔbenfo Evelyn Mansa Amarteifio (1916-1997) yɛ Ghana mmea nhyehyɛefo.[1] Wɔ afe 1953 mu no, ɔhyehyɛɛ Ɔman Gold Coast Mmea Fekuw (NFGCW).[2]

Mfitiase Asetra ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Evelyn Amarteifio May 22, 1916 wɔ Accra . N’awofo, ne nuabeanom baanu, ne ne maame nuabeanom binom de wɔn ho hyɛɛ asetra ne atuhoama adwuma mu wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu. Ɔsuaa ade wɔ Accra Mmabaa Sukuu ne Achimota Kɔlege . Wɔ afe 1937 mu no ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Achimota Mfitiase Sukuu mu, na ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma a ofi ne pɛ mu.[2]

Wɔ 1953 mfiase no Amarteifio tuu kwan kɔɔ Britain kɔsuaa ade wɔ YWCA . Bere a ɔsan bae no – ɔne Annie Jiagge, Thyra Casely-Hayford, Amanua Korsah ne afoforo boom – ɔhyehyɛɛ YWCA wɔ Gold Coast . Ɔsan tuu kwan kɔɔ United States, faako a osuaa Jamaica Mmea Fekuw no ho ade . Ɔde eyi yɛɛ nhwɛso maa National Federation of Gold Coast Women, ɔman no mu mmea ahyehyɛde bi a ɛnyɛ aban de no. Ahofadi akyi no Amarteifio antumi ammɔ fekuw no ho ban amfi Kwame Nkrumah pɛ a na ɔwɔ sɛ obedi mmea ahyehyɛde ahorow so no ho, na wɔ afe 1960 mu no, wogyaee NFGCW no.[2]

Owuo[sesa]

Amarteifio wui wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so 6, afe 1997.[1]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Kojo T. Vieta (1999). "Dr. (Mrs.) Evelyn Mansa Amarteifio". The Flagbearers of Ghana: Profiles of One Hundred Distinguished Ghanaians. Ena Publications. pp. 288–293. ISBN 978-9988-0-0138-4.
  2. 2.0 2.1 2.2 Naaborko Sackeyfio-Lenoch (Spring 2018). "Women's International Alliances in an Emergent Ghana". Journal of West African History. 4 (1): 27–56. doi:10.14321/jwestafrihist.4.1.0027. ISSN 2327-1868.