Jump to content

Estradiol valerate/norethisterone enantate

Ɛfi Wikipedia

Estradiol valerate/norethisterone enantate (EV/NETE), a wɔtɔn no wɔ Mesigyna afoforɔ din ase no yɛ aduro a wɔde hyɛ mmaa honam mu de si nyinsɛn ano.Ɛkura estradiol valerate (EV), estrogen ne norethisterone enantate (NETE), a ɛyɛ progestin. Ɛyɛ aduro a wɔfa no bosome biara. Wɔde fa paneɛ so wɔ ntini no mu ansa na atumi ayɛ adwuma.Wɔagye EV/NETE atom wɔ aman bɛyɛ 36 mu, na ɛno ne aduro a wɔtaa de di nyinsɛn ano sie ho dwuma wɔ wiase nyinaa. Ɛwɔ Latin Amerika nyinaa, Asia ne Afrika aman kakraa bi ne Turkeyman mu.

Dwuma a wɔde di

[sesa]

Wɔde EV/NETE di dwuma sɛ aduro bi a wɔfa ntini mu de si nyinsɛn ano wɔ mmaa mu. Wɔde fa ntini mu ma obi bosome biara. EV/NETE yɛbea te sɛ ngo mu a emu nkyɛmu 5 mg yɛ estradiol valerate (EV) ɛna nkyɛmu 50 mg nso yɛ norethisterone enantate (NETE).

Abakɔsɛm

[sesa]

EV/NETE ne estradiol cypionate/medroxyprogesterone acetate (EC/MPA; ahyɛnso din ne HRP-112), World Health Organization na wɔyɛɛ saa nnuro yi.EV/NETE ne EC/MPA nyinaa baa dwa so wɔ afe1993 mu.