Enkutatash

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Enkutatash yɛ afoofida a wɔdi no wɔ Ethiopia ne Eritrea afe ahyɛaseɛ mu. Wɔ Ethiopia kalɛnda so no wɔdi no Meskerem da a ɛdikan, a ɛyɛ ɛbɔ bosome da a ɛdikan wɔ Gregorian kalɛnda so.

Nhwehwɛmu[sesa]

Saa afoofida yi gyina Ethiopia kalɛnda so. Ɛyɛ afe foforɔ a ɛwɔ Ethiopia/Eritrean. Osebɔ kɛseɛ paa kɔso wɔ ɔman no mu, ne titire ɛwɔ Ragual asɔre wɔ Entoto bepɔso.

Incultureparent kyerɛɛ mu sɛ, " sɛ wɔpɔn firi asɔre anɔpa ba a, abusuafoɔ nyinaa hyia kyɛ wɔn aduane  a wɔfrɛ o injera( paano a State ne abomu). Akyire no, mmabunu no hyehyɛ wɔn ho fɛfɛɛfɛ ne wɔn ayɔnkofoɔ to afe foforɔ nnwom".  Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsrahwɛ ho nsɛm wɔ Ethiopia kyerɛɛ mu sɛ, "Enkutatash nyɛ adeɛ a ɛnka ɔsom afoofida ho. Ɛnnɛ mmere yi Enkutatash yɛ berɛ a yɛde sesa ɛnkane afe foforɔ nkyea a ɛwɔ nkuro akɛseɛ mu- wɔ lieu beaɛ a nhwiren a wɔde kuta nsam pii wɔ. Wɔhyɛ Ethiopia mfeɛ kan firi mfeɛ nnwɔtwe a ɔwɔ berɛ pɔtee bi a ɛnnyɛ ka mu.  Ɛfiri sɛ saa berɛ pɔtee no no di Dionysius nkontabuo akyi,  barima hoteni a wadi mfeɛ ahansia, saa nso na non-Chalcedonian man toaaso de Annius nkontabuo dii dwuma, barima hoteni a wanya mfeɛ ahanum, a abɛhyɛ Kristo nkaebɔ anan bɛyɛ mfeɛ nnwɔtwe akyire no. Ɛnam saa nti, wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia a ɛwɔ Gregorian nnapono/kalɛnda so wɔ Enkutatash mu no, ɛbɛyɛɛ mfeɛ mpem mmienu ne nkron wɔ Ethiopia kalɛnda so.