Emmanuel Armah-Kofi Buah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Emmanuel Armah Kofi Buah
MP
Minister for Energy and Petroleum
Bere
January 2013 – 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoJoe Oteng-Adjei
AnanmusiniBoakye Agyarko
Member of Parliament
for Ellembelle
Mprenpren
Bere
January 2009
OdikanfoFreddie Blay
Ne ho asɛm
Awo bere
Emmanuel Armah Kofi Buah

10 May 1966 (1966-05-10) (age 57)
Tamale, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniJoyce Buah
Mma2
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
University of Maryland University College (MSc)
CommitteesTrade, Industry and Tourism Committee

Members Holding Offices of Profit Committee
Privileges Committee

Committee of Selection Committee

Emmanuel Armah Kofi Buah (wɔwoo no afe 1966) yɛ Ghana amanyɔni a ɔsomm wɔ Ghana aban mu sɛ Ɔmanpanin a ɔhwɛ ahoɔden ne Petroleum so wɔ Ghana manpanin John Mahama aberɛ so firi afe 2013 kɔsi afe 2016. Buah a ɔyɛ National Democratic Congress mu ni no yɛ Mmarahyɛ Badwa no mu ni a ɛwɔ Ellembelle mansini no mu wɔ Atɔe Fam Mantam mu.[1][2][3] Ɔyɛ Dɔm kumaa (Minority Leader) baanodani abadiakyiri wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu bere a ɔde no bɛsii James Klutse Avedzi ananmu no.[2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Emmanuel Armah Kofi Buah firi Atuabo wɔ Atɔeɛ Mantam mu.[3] Ɔwɔ mmaranim abodin krataa wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so ne Nyansahu mu abodin krataa wɔ Adwumayɛ mu wɔ Maryland Suapɔn, suapɔn Kɔlege wɔ Amerika.[1][2]

Amannyɔsɛm[sesa]

Kofi Buah na Ɔmampanyin Atta Mills yii no wɔ afe 2009 mu sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ ahoɔden so.[4] Wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du-nson (17) mu wɔ afe 2013 mu no, wɔyii Buah sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Ahoɔden ne Petroleum so.[7] Ɔno na Hon. Boakye Agyarko bɛhyɛɛ n'anan wɔ afe 2017 mu berɛ a New Patriotic Party dii nkonim wɔ afe 2016 Ɔmampanyin abatoɔ mu.[8] Ɔyɛ mmarahyɛ badwani ma Ellembelle Mansini no firi afe 2009.[9] Ɔsom wɔ Adwadie, Nnwuma ne Nsrahwɛ badwakuo, Members Holding Offices of Profit badwakuo, Privileges badwakuo ne badwakuo a wɔhwɛ Selection so.[3]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Buah wɔ mma mmienu.[1][2] Ɔyɛ Kristoni.[3]

Ɔkaa ne nhumu wɔ nneɛma mmiensa a ɛwɔ soro a akannifoɔ yɛ wɔ Logistics dwumadie bi mu a atirimpɔw wom. Wɔ saa podcast yi mu no ɔkaa ne mfitiaseɛ asetena nso ho asɛm [5].

Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ne papa yɛ postmaster a owui bere a na wadi mfeɛ ason (7) pɛ. Sɛ́ agya a na ɔno nkutoo na ɔhwɛ fie no gyaa wɔn aban bungalow nkutoo no wɔtenaa hɔ kɔ sii sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntu mfiri dan no mu. Ne maame faa asɛdeɛ a ɛne sɛ ɔbɛdi wɔn ahiadeɛ ho dwuma na wahwɛ ahu sɛ wɔbɛyɛ wɔn fie nnwuma ɛmfa ho sɛ na ɔnsuaa nwoma no. Owura Buah kyerɛɛm sɛ ɔno deɛ na ɔnnim da sɛ ne maame nnim nwoma kɔsii sɛ ɔnyinii kɛse efiri sɛ na ne maame dwene wɔn adesua mu nkɔsoɔ ho yie. Apereperedie a ne maame faa mu sɛ ɔbɛhwɛ sɛ wɔbɛdi wɔn ahiadeɛ ho dwuma no kanyan no wɔ nkonimdie kwan no so, na ɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔrenni ne maame hwammɔ.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Hon. Emmanuel Armah-Kofi Buah | A BETTER GHANA. Jobs. Stability. Development., 2013-05-27, archived from the original on 2013-05-27, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. 2.0 2.1 2.2 10 things you didn’t know about new Minority Leader, Dr. Ato Forson (in American English), 2023-01-25, retrieved 2023-10-01
  3. 3.0 3.1 3.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  4. President Mills nominates 23 Deputy Ministers (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Leadership Lessons from Honorable Emmanuel Armah Kofi Buah (in American English), retrieved 2023-10-01