Elsie Ofuatey-Kodjoe

Ɛfi Wikipedia

Wɔwoo no maa Owura Alfred Lincoln Codjoe, aguadifo a wagye din, ne Owurayere Evangelina Codjoe (nee Beetson) a wɔn baanu nyinaa fi Accra, wɔ December 5th, 1901. Bere a ɔkɔɔ Methodist Mmabaa Sukuu a ɛwɔ Accra akyi no, na Akyerɛbaa Codjoe a wadi mfe 13 no wɔde kɔɔ England baabi a osuaa Adwinni ne Nnwom wɔ Weirfield Sukuu a ɛwɔ Taunton, Somerset, na onyaa adansedi krataa fii Royal Association Board of Music and Art hɔ.

Bere a ɔsan kɔɔ Gold Coast wɔ 1919 mu no, Miss Codjoe faa dibea sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Accra Aban Sukuu mu. Enti ofii hɔ bere tiaa bi sɛ ɔrekɔfa adwuma wɔ Accra ntoaso sukuu mu baabi a ɔkyerɛɛ ade kosii 1928. Ɔwaree Joseph Cecil Ofuatey-Kodjoe a saa bere no na ɔyɛ Polisifo Panyin. Owurayere Elsie Ofuatey-Kodjoe tuu kwan kɔɔ polisifo adwumayɛbea ahorow a wɔde ne kunu kɔɔ hɔ no.

Ná ɔde ne ho ahyɛ dwumadi ahorow a ɛfa mmea nkɔso ho wɔ ɔman yi mu. Bere a ne kunu kɔhyɛɛ pɛnhyen sɛ Senior Assistant Superintendent of Police wɔ afe 1956 mu no, wɔsan kɔtraa Accra, faako a ɔfaa dibea sɛ Assistant Officer of the Industrial Development Corporation na akyiri yi ɔyɛɛ Receptionist wɔ Ghana National Trading Company