Ellie Highwood

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ellie Highwood

FRMetS SFHEA
Awo bere
Eleanor Highwood
AdesuaUniversity of Manchester, University of Reading
N'adwumaDiversity and Inclusion Consultant and Coach to academics, researchers and scientists. Formerly: Professor, researcher; Atmospheric physics Dean for Diversity and Inclusion (job share)

Ellie Highwood yɛ ahodoɔ ne nkabom ho ɔfotufoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ ma adesuafoɔ, nhwehwɛmufoɔ ne nyansahufoɔ.

Kane no na ɔyɛ Wiem Tebea ho Adesua ho Ɔbenfo wɔ Reading Sukuupɔn mu a na ɔyɛ saa dwumadibea no mu panyin firi afe 2012 kɔsi afe 2015 mu.[1] Kan no na ɔyɛ RMetS Bagua ne Nwomasua Boayikuw no mu ni. Wɔ Ahineme, 1 2016 mu no, ɔbɛyɛɛ Royal Meteorological Society (RMetS) no Titenani a ɔtɔ so 81, ɔsom kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne du-nwotwe (2018).[2]

Highwood suaa abɔdeɛ mu nneɛma ho ade wɔ Manchester Sukuupɔn mu na afei ɔsuaa PhD wɔ Akenkan Sukuupɔn mu. Ne nhwehwɛmu no twe adwene si wiem nneɛma nketenkete a ɛwɔ wiem tebea mu so, titiriw nkɛntɛnso a aerosol nya wɔ wiem nsakraeɛ ne wiem tebea ho nhwɛsode so.[3]

Efiri afe 2015-2019 no ɔsan nso faa adwuma sɛ Dean for Diversity and Inclusion wɔ Reading Sukuupɔn mu, a na ɔne Ɔbenfo Simon Chandler-Wilde yɛ adwuma.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no ɔfirii adesua mu nhwehwɛmu wiase no ase na ɔhyɛɛ n’ankasa nnwuma ase a ɔde n’adwene sii ahyehyɛdeɛ a ɛka obiara ho a ɔbɛnya nkɔsoɔ ne sɛ ɔbɛboa adesuafoɔ, nhwehwɛmufoɔ ne nyansahufoɔ ara kɔsi ankorankoro ne akuo nteteeɛ so.

N’adwuma a ɛfa aerosols ne nsonsuansoɔ a enya wɔ wiem tebea ne wiem nsakraeɛ so ho asɛm wɔ nhoma ahorow a ɛda nsow mu, te sɛ The Independent ne BBC. [4]Waka sɛ okyinnsoromma yi a wɔbɛma ayɛ nwini wɔ ɔkwan a wɔayɛ so denam "nneɛma nketenkete a ɛma hann a wɔde bɛhyɛ wiem" (sɛ nhwɛso no, Paul Crutzen de too gua no)bɛtumi "de ɔpɛ ne wiem tebea mu basabasayɛ aba" wɔ aman a wɔdi hia mu, ɛwom sɛ ɛte saa de nso ka sɛ "ɛbɛyɛ nea nyansa wɔm sɛ yɛbɛhwehwɛ akwan foforo a ɛbɛtumi aboa yɛn wɔ mfie du du a ɛreba no mu".

Nhoma ahorow a wɔapaw[sesa]

  • Myhre, Gunnar, et al. "New estimates of radiative forcing due to well mixed greenhouse gases." Geophysical research letters 25.14 (1998): 2715-2718.
  • Highwood, E. J., and B. J. Hoskins. "The tropical tropopause." Quarterly Journal of the Royal Meteorological Society 124.549 (1998): 1579-1604.
  • Tanré, D., et al. "Measurement and modeling of the Saharan dust radiative impact: Overview of the Saharan Dust Experiment (SHADE)." Journal of Geophysical Research: Atmospheres (1984–2012) 108.D18 (2003).
  • Highwood, Eleanor J., et al. "Radiative properties and direct effect of Saharan dust measured by the C‐130 aircraft during Saharan Dust Experiment (SHADE): 2. Terrestrial spectrum." Journal of Geophysical Research: Atmospheres (1984–2012) 108.D18 (2003).
  • Abel, Steven J., et al. "Evolution of biomass burning aerosol properties from an agricultural fire in southern Africa." Geophysical Research Letters 30.15 (2003)

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

  1. "Ellie Highwood", Wikipedia (in English), 2022-08-15, retrieved 2023-04-12
  2. "Royal Meteorological Society", Wikipedia (in English), 2022-09-29, retrieved 2023-04-12
  3. Royal Meteorological Society (in English), retrieved 2023-04-12
  4. "What's the fuss about climate change? Your questions answered", BBC News (in British English), 2015-11-30, retrieved 2023-04-12