Efo Kodjo Mawugbe

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Efo Kodjo Mawugbe (Efo Kodjo Mawugbe (wɔ woo no April da ɛtɔ so) yɛ kane Ghanani abasobɔdeɛ gyefo wɔ siniyi kyerɛ mu ne ɔkwankyerɛfo ma ɔman siniyi adwumakuo a ɛne National Theatre of Ghana. Na ɔsan nso yɛ otemmufo wɔ tv3 dwumadie a wɔfrɛ no Ghana Most Beautiful no so

Nhomasua[sesa]

EEfo Kojo Mawugbe yɛ kane sukuuni wɔ ntoaso sukuu a wɔfrɛ no Mawuli School, beae a onyaa abɔdin krataa a ɛde General Certificate of Education (GCE) Ordinary ne Advance Level ansa na ɔtoaa so kosuaa siniyi ho nsɛm wɔ ntoaso sukuu a ɛne University of Ghana firi afe 1975 kosi afe 1978. ɔtoaa so kosuaa ade faa senea wɔ toto siniyi ho nneɛma wɔ British Council a ɛwɔ Glasgow ne London. Wɔ afe 1991 mu no, Mawugbe too n’adesua so wɔ sukuu a ɛne Ghana Institute of Public Administration (GIMPA). ɔsan nso suaa ade wɔ Bauf Centre for Management, Calgary, Canada wɔ afe 1995.

Nwuma[sesa]

  • In the Chest of a Woman (Play), Isaac Books & Stationery Services, 2008.
  • My Father's Song (Fiction), Afram Publications, 2015.
  • Prison Graduates, Afram Publications, 2015

Abbasobɔ[sesa]

Wɔbɔɔ Efo Kojo abaso wɔ akansie dwumadie  a BBC world Service ne British Council International Radio de hyehyɛɛ so wɔ afe 2009 mu, ne dwumadie a  ode gyee abasobɔdeɛ no ne nea w’ato din Prison Graduates