Edward Ago-Ackam

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Edward Ago-Ackam yɛ kane Ghanani amanyɔni. ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dangbe- Shaie abatoɔ so firi afe 1956 kosii afe 1965 mu. ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dangbe mpɛsoa so wɔ February, afe 1966.

Ne mmɔfrase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo Ago-Ackam wɔ November da ɛtɔ so 30, afe 1899 wɔ Ningo a ɛwɔ Nkran Mantam no wɔ Ghan (ɛnnɛ Ghana) Osuaa ade wɔ Wesleyan Mission School wɔ Kpong

Nnwuma ne Amanyɔsɛm[sesa]

Ago-Ackam yɛ kane nhomaso hwɛfo ne sotɔ sohwɛfo wɔ adwumakuo a ɛne F and A Swanzy A, E.T.C ne U.A.C firi afe 1921 kosii afe 1948. ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛne A.G Leventis and Company Limited firi afe 1949 kosii 1956. Wo afe 1950 mu no, oyɛ okandifo abediakyire ma amanyɔkuo Conventions People’s Party na wɔ afe 1956 mu, wɔpaw no sɛ otitenani wɔ Ningo adwentoatoa kuo ano. Okuraa saa dibea yi mu kosii afe 1956 bre a amanyɔkuo CPP paw no sɛ ɔnkosi Clarkson Thomas Nylander a ogyiinaa hɔ sɛ mmarahyɛ baguani a wɔ Dangbe-Shai abtoɔ mpɛsoa so firi afe 1954 kosii afe 1956 no anan mu. Firi 1956 de ko no, Nylander gyina hɔ maa Ga nkurase abatoɔ mpesoa so . Ago – Ackam dii nkunim wɔ abatoɔ no mu ma no bɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Ningo – Shai abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1956 kosii afe 1965. Wɔ afe 1965 mu no, wɔkyɛɛ mpɛsoa no mu yɛɛ no Dangbe ne Shai abatoɔ mpɛsoa so. Ago – Ackam bɛyɛɛ mmarhyɛ baguani a ogyina hɔ Dangbe abatoɔ mpɛsoa firi afe 1965 mu kosii Febraury afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban no gui.

Ago – Ackam nneɛma a n’ani gye ho ne akekan ne afikyifo.

See also[sesa]

Nkekaho[sesa]