Jump to content

Ebony reigns

Ɛfi Wikipedia
Ebony Reigns
Ne ho asɛm
Awo dinPriscilla Opoku-Kwarteng
Awo bere(1997-02-16)16 February 1997
Kumasi, Ghana
Died8 February 2018(2018-02-08) (aged 20)
GenresDancehall, hiplife
Occupation(s)Singer
InstrumentsVocals
Years active2015–2018
LabelsRuff Town Records
Associated actsBrella, Ruff n Smooth

Priscilla Opoku-Kwarteng (wɔwoo no Ogyefo bosome no da a ɛtɔ so dunsia (16) wɔ afe apem ahankron aduokron nson mu (1997) – ɔwuu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne dunwɔtwe mu (2018)), a ne din wɔ nnwomtoɔ mu a nnipa dodoɔ no ara nim no ne Ebony Reigns, ɔyɛ Ghanani nnwontoni (dancehall/afrobeats) a wɔnim no sɛ ɔyɛ nnwom a ɛyɛ dɛ a ebi ne "Poison"[1] ne "Kupe." Abranteɛ bi a wɔfrɛ no Bullet a ɔwɔ Ruff N Smooth na ɛhunuu Ebony. Ɔno ne Ghana nnwontofoɔ baa a ɔdi kan a ɔnyaa abasobɔdeɛ wɔ Ghana nnwontoɔ a wɔfrɛ no "Vodafone Ghana Music Awards"[2]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne nnwomasua

[sesa]

Ebony Reigns nyaa abɔdin sɛ 'Original 90s Bad gyal', na n’abusuafoɔ a wɔbɛn no, wɔ Dansoman, Nkran kurotia, no frɛ no Nana Heemaa (Ɔhemaa).[3] N’awofoɔ ne Nana Poku Kwarteng ne Beatrice Oppong Marthin.[4] Wɔtetee no wɔ Nkran nkuropɔn mu nanso ɔfiri Bono Ahafo mantam mu.[5] Ɔhyɛɛ ne mmɔfrase nwomasua ase wɔ "Seven Great Princess Academy" wɔ Dansoman, Nkran, na ɛno akyi no, ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Methodist Girls High School wɔ Mamfe wɔ Akuapim Atifi mansini a ɛwɔ Apueɛ mantam, Ghana, ɛwɔm sɛ wanwie sukuu deɛ, Ɔgyaee ntoasoɔ sukuu de kɔyɛɛ ne nnwom adwuma no.[6]

Nnwuma

[sesa]

Ebony no, nnwontoni ne odwumayɛni bullet a ɔfiri Ruff N Smooth na ɔhunuu no na ɔde ne nsa hyɛɛ ne Rufftown Records label ase.[7] Ɔfirii adi a na ne nnwom a ɛdi kan ne,  "Dancefloor", wɔ ɔpɛnimaa bosome mu wɔ afe mpem mmienu ne du nnum mu "December 2015",[8] a ɔde ne sini hwɛ ne ne tie no baa abɔnten. Nnwom no bɛyɛɛ kasafidie so nnwom a ɛyɛ dɛ, a ɛma wɔyii no sɛ "unsung" category no wɔ "2016 Ghana Music Awards".[9]

Wɔ Oforisuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du nsia mu no (March 2016),  Ebony yii ne nnwom kɛseɛ a ɛyɛ dɛ "Kupe" adi. Ɔde ne nsa hyɛɛ Ruff Town Records ne Midas Touch Inc. ase. [10]Ebony nnwom a agye din te sɛ "Poison", "Sponsor", ne "Hustle", nso gyee din a wɔbɔ no kɛse a na ahyeta wɔ Ghana. Ne nnwom a ɛyɛ dɛ sene ne nnwom no mu baako ne "Maame HWƐ," a ɛtwee adwene sii efie basabasayɛ ho asɛm no so, a dwom no mu mfonin no hyɛɛ efie basabasa yɛ no mu kena maa ɛyɛɛ kɛse bio.[1]

Ne wuo

[sesa]

Ebony Reigns wuu ntɛm wɔ lɔre akwanhyia mu  wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nnwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu(8 January, 2018) berɛ a ɔresan afiri Sunyani akɔ Nkran wɔ ne maame nsrahwɛ akyi. Ne jeep no ne lɔre bi hyiaeɛ wɔ Sunyani-Kumasi kwantenpɔn Kɛse no so .

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1.0 1.1 https://web.archive.org/web/20180706191719/https://www.leakxgh.com/2017/01/ebony-premieres-visuals-for-poison.html
  2. https://ghanamusic.com/lists/2018/04/15/full-list-of-winners-at-vgma-2018/
  3. Maclean, George Awiadem. "Ebony Reigns: age, biography, awards, her school nickname will break you, music (photos of her mum, dad, sister, JHS days)". Bigtimerz. Archived from the original on 24 April 2018. Retrieved 24 April 2018.
  4. https://www.ghpage.com/personality-profile-ebony-reigns-profile
  5. "Personality Profile: Ebony Reigns (Age, Family, School, Relationship, Career, Controversies, Photos)"
  6. https://www.ghpage.com/personality-profile-ebony-reigns-profile
  7. https://web.archive.org/web/20180723011909/http://music.com.gh/ebony-dancehall-queen-is-relative-but-kaakie-is-my-favorite/
  8. https://www.ghanamotion.com/ebony-dancefloor-prod-by-guilty-beatz
  9. https://loudsoundgh.com/2016/02/profiles-of-vgma-unsung-category-nominees
  10. Ghana Music, Africa Music & Multimedia". Ghana Motion. Retrieved 28 April 2017.