E.K. Nyame

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Emmanuel Kofi Nyame, a edin a dodoɔ no ara de frɛ no ne EK Nyame (wɔ woo no December da ɛtɔ so 24, afe 1927, owui wɔ August, afe 1977). Yɛ obi a wohu no sɛ Ghana Highlife nnwomtofoɔ no kandifo no mu baako.[1][2][2] Na ɔyɛ Ghanani nnwom kyerɛwfo, Sankubofo, E.K band ne Akan Trio hyehyɛfo.  Wohuu no sɛ okannifo ma highlife nnwom a woto no Akan kasa mu.[3]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Wɔ woo E.K. Nyame wɔ Kwahu Obomeng. Ɔbɛyɛɛ Twenebofo kunini ne Roman Catholic School a ɛwɔ Adabraka a wɔ Nkran no agofomma kannifo.   Na ɔyɛ Catholic Asɔre a edikan wɔ Nkran man mu no nnwomtokuo no mu fo no baako. Sankuo a na ɛyɛ ne wɔfa ba deɛ no bedii ne nsam bre a wɔde ɔhyɛ faa ne wɔfa ba no kɔɔ aman nyinaa ko a ɛtɔ so Mienu no.

Nnwuma[sesa]

Osuaa sɛnea Appiah Agyekum bɔ ne sanku wɔ akasafidie so na wɔ afe 1947 mu no, ɔde ne ho kɔdɔɔm Appiah Agyekum Agofomma. Wɔ mfie mienu akyire bere ɔde ne ho kɔdɔɔm Appiah Agyekum agofomma no, ofirii ho kotee E.K Nyame Agofomma.[4]

Wɔ afe 1952 mu no, wɔpaw E.K Nyame agofomma no de dii Ghana manpanyin Dr. Kwame Nkrumah akyi kɔɔ Liberia. Wɔ saa afe koro no ara mu no, E.K hyehyɛɛ   kɔnsɛt dwumadie bi na okaa ɛne ne sankuo agofomma ne E.K agofomma no bomu to ɛno din Akan Trio. Kɔnset agodie a na wodikan tee no yɛ nea na wɔto abrɔfo nnwom a wɔde firi America ne England na wɔn a na wodi akotena wɔ mu no yɛ Atukɔtena abrɔfo no. Nnwoma ahorɔw a na wɔ to no ne Ballom Music, Quicksteps, foxtrots ne ragtime a wosua firii British asrafo kuo no ho.[5]

Agofomma a ɛde Akan Trio no too highlife nnwom wɔ Akan kasa mu wɔ Kɔnset agodibea ahɔrow so a nnwom no kyerɛwfo ne Nyame ankasaa; na eyi yɛ nea ebi nsii da. Ne nnwom ne agodie ahorɔw no boaa Nkrumah wɔ bre a na ɔrepere Fahodie wɔ British amamuie mfie a etwa to no mu.[5]

Bre a wosii afe 1975 mu no, na Nyame abo apawa a ɛne 78 rpm no bɛyɛ 400 ama nnwumakuo ahorɔw a wɔn mu bi ne West African Decca, Queenophone, Na apawa a ɛne Master’s Voice (HMV) maa no gye din wɔ Abibrem Atɔe[5]. Nyame wui wɔ August afe 1977. Ɔman yɛɛ n’ayie maa wɔdedaa no wɔ sika kɔkɔɔ mpa so. Wɔn a wɔbaa ayie no ase dodoɔ beye nnipa mpem du.[5]

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.oxfordreference.com/view/10.1093/oi/authority.20110803100242712
  2. 2.0 2.1 https://id.loc.gov/authorities/names/no2017099928.html
  3. https://www.fondation-langlois.org/html/e/page.php?NumPage=2270
  4. https://books.google.com.gh/books?id=yIHfybGz5HoC&q=ek+nyame&pg=PA21&redir_esc=y#v=snippet&q=ek%20nyame&f=false
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 https://www.allmusic.com/artist/ek-nyame-mn0000792786