Dwamena Bekoe

Ɛfi Wikipedia

Dwamena Bekoe yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsomm sɛ mmarahyɛbadwani maa Asuogyaman ababtoɔ mapasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana.[1]

N'abrabɔ, ne sukuukorɔ ne n'amanyɔsɛm[sesa]

Bekoe ka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan wɔ Ghana no ho. Wɔtoo aba maa no sɛ mmarahyɛ badwani wɔ mfeɛ mpenu ɔman abatoɔ no mu sɛ Kyiniiɛ Amanyɔkuo no ananmusini berɔ a ɔnyaa abatoɔ no mu mpem dunan, ahankron ne num.[2] Mfeɛ mpenu ne nan mu no, ɔdii ntwo maa Kofi Osei-Ameyaw a na ɔgyina Ɔsono Amanyɔkuo no anan mu no dii ne so nkunim.[3][4]

N'adwumasɛm[sesa]

Owura Bekoe ne adwumakuo a wɔfrɛ wɔn Dwabeks Enterprise Limited no daanodini.[5]

Abatoɔ ahodoɔ[sesa]

Bekoe ka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan wɔ Ghana no ho.[6] N'adwuma sɛ amanyɔni no hyɛɛ aseɛ wɔ mfeɛ mpenu ɔman ababtoɔ no mu berɛ a ɔgyinaa sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Asuogyaman ababtoɔ mapasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana maa Kyiniiɛ Amanyɔkuo no dii nkunim wɔ abatoɔ no mu. Ɔnyaa abatoɔ no mu mpem dunan, ahankron ne num a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduonum-mmienu akyiripɔ aduokron.[2][7][8] Amanyɔfoɔ a na ɔne wɔn repere saa akonnwa no ne Dr. Godfried Kofi-Siaw a ɔgyinaa hɔ maa New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no, Joseph Emmanuel Addi a ɔgyinaa hɔ maa National Reform Party, ne David Dosoo a ɔno nso gyinaa hɔ maa People's National Convention. Mma wɔn nyinaa nyaa no sɛdeɛ wɔahyehyɛ edin no ne mpem dumienu, ahanum ne aduoson nkron a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-nan akyiripɔ aduoson, ahanan aduonu-nsia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu baako akyiripɔ aduonum ne ahanu aduonum-mmiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu ɔha mu nkyɛmu hwee akyiripɔ aduokron wɔ mma dodoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu.[9] Ekuo bi a wɔfrɛ wɔn Functional Executive Committee (FEC) a ɛhyɛ National Democratic Congress, Kyiniiɛ Amanyɔkuo no mu no de wɔn nsa hyɛɛ aseɛ gyee Owura Dwamena Bekoe too mu sɛ anka ɔnsan nnyina wɔn anan mu wɔ mfeɛ mpenu ne nan abatoɔ no mu sɛ Asuogyaman ababtoɔ mapasua no mmarahyɛbadwani nanso berɛ a ɔsane gyinaa bio no, ɔdii ntwo maa Kofi Osei-Ameyaw a na ɔgyina New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no dii ne so nkunim.[10][11]

Baabi menyaa mmoa[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2022-09-02
  2. 2.0 2.1 Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-02
  3. NDC endorses Dwamena Bekoe for Asuogyaman (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Former GPHA Director-General picks forms to contest Asuogyaman seat in fourth attempt (in English), 2019-07-26, retrieved 2022-09-02
  5. Dwabeks Enterprise Ltd. -- Timber & Wood Products Manufacturers & Suppliers, retrieved 2022-09-02
  6. Peace FM, 2016 Election - Asuogyaman Constituency Results, retrieved 2022-09-02
  7. Former GPHA Director-General picks forms to contest Asuogyaman seat in fourth attempt (in English), 2019-07-26, retrieved 2022-09-02
  8. Ghana Election asuogyaman Constituency Results, retrieved 2022-09-02
  9. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-02
  10. NDC endorses Dwamena Bekoe for Asuogyaman (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  11. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Asuogyaman Constituency, retrieved 2022-09-02